9 "Migu so rehwɛ no,
"mihui sɛ, wɔde nhengua besisii hɔ,
na Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no bɛtenaa ase.
Na nʼatade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;
na ne tinwi hoa sɛ oguan nwi.
Nʼahengua dɛw sɛ ogyatannaa
na nʼahengua nhankare nso dɛwee framfram.
10 Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten
sen fii nʼanim bae.
Abɔfo mpempem kotow no,
na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim.
Baguafo no tenaa ase,
na wofii ase buebuee nhoma mu.