Pular para o conteúdo
Publicidade

Daniel 9

Daniel Mpaebɔ

1 Ahasweros babarima Dario (a nʼase fi Media) a wɔyɛɛ no ɔhene Babilonia ahenni so no, 2 afe a edi kan no, me, Daniel, metee ase fii kyerɛwsɛm mu sɛnea Awurade de maa Odiyifo Yeremia se, Yerusalem bɛda mpan mfirihyia aduɔson. 3 Ɛno nti, mifuraa atweaatam de nsõ yɛɛ me ho dii mmuada. Afei mede nkotosrɛ kɔɔ Awurade Nyankopɔn anim kɔbɔɔ mpae srɛe. 4 Mebɔɔ Awurade me Nyankopɔn mpae, na mepaee mu kae se:

"Awurade, wo a wo so na woyɛ Onyankopɔn nwonwani! Wo a wudi ɔdɔ apam soɔdɔ apam a woayɛ ama wɔn a wɔdɔ wo na wodi wo mmara so. 5 Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomso. Yɛabɔ atirimɔden na yɛatew atua; yɛakwati wo mmara ne wʼahyɛde. 6 Yɛantie wʼasomfo adiyifo a wɔkasaa wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa.

7 "Awurade, woyɛ ɔtreneeni, nanso nnɛ de, yɛn anim agu ase, Yudafo ne Yerusalemfo ne Israelfo nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumɔyɛ nti, yɛn anim agu ase. 8 Awurade, aniwu aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, efisɛ yɛayɛ bɔne atia wo. 9 Ɛwɔ mu , yɛatew Awurade yɛn Nyankopɔn anim atua, nanso ɔyɛ ahummɔbɔ na ɔde bɔne kyɛ. 10 Yɛanyɛ osetie amma Awurade yɛn Nyankopɔn, na yɛanni ne mmara a ɔnam nʼasomfo adiyifo so de maa yɛn no so. 11 Israel nyinaa abu wo mmara so, na wɔafi ho a wɔmpɛ wɔyɛ osetie ma wo.

"Enti nnome ne atemmu a wɔaka ntam akyerɛw Onyankopɔn somfo Mose Mmara mu no, wɔahwie agu yɛn so, yɛayɛ bɔne atia wo nti. 12 Ɔhaw kɛse a wobɔɔ ho kɔkɔ wobɛyɛ atia yɛn ne yɛn ahemfo no, woayɛ. Ɔsoro ase nyinaa, biribiara nsii sɛnea asi Yerusalem no bi da. 13 Sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ Awurade yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu, yebefi yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokware akyi kwan. 14 Awurade antwentwɛn ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, efisɛ Awurade yɛn Nyankopɔn biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ osetie amma no.

15 "Awurade yɛn Nyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfo fii Misraim, de gyee din a atena abesi nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomso. 16 Awurade, sɛnea wo trenee nneyɛe nyinaa te no nti, yi wʼabufuw ne wʼanibere fi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔw kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumɔyɛ nti, nnipa a wɔatwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfo ho fɛw.

17 "Na afei yɛn Nyankopɔn, tie wʼakoa mpaebɔ, ne ne nkotosrɛ. Wo nti, Awurade, tew wʼanim bio kyerɛ wo kronkronbea a agyigya no. 18 aso, me Nyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da so a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn trenee nti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no nti. 19 Awurade, tie! Awurade, fa kyɛ! Awurade, tie na ! Wo nti, me Nyankopɔn, ntwentwɛn wʼanan ase, efisɛ wo Din da wo kuropɔn ne wo nkurɔfo so."

Gabriel Kyerɛ Daniel Anisoadehu No Ase

20 Bere a merekasa na merebɔ mpae, na mereka me ne me nkurɔfo Israelfo bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto Awurade me Nyankopɔn anim ama ne bepɔw kronkron no, 21 na migu so rebɔ mpae no, Gabriel a mihuu no kan anisoadehu mu no de ahoɔhare baa me nkyɛn bɛyɛ anwummere afɔrebɔ bere mu. 22 Ɔkyerɛkyerɛɛ me se, "Daniel, maba ha merebrɛ wo nhumu ne ntease. 23 Wufii ase worebɔ mpae no, mmuae bae, na maba merebɛka akyerɛ wo, efisɛ, wobu wo yiye. Enti dwene asɛm no ho na te anisoadehu no ase.

24 " Mmere aduɔson ahorow asonna wɔahyɛ ama wo nkurɔfo ne wo kuropɔn kronkron no wɔmfa nnyae mmarato, na wontwa bɔneyɛ so, na wɔmpata atirimɔden, na trenee a to ntwa da mmra, na wɔnsɔw anisoadehu ne nkɔmhyɛ ano, na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea ngo.

25 "Tie na te eyi ase: Efi bere a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforo, kosi Nea Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmere ason ahorow ason, ne aduosia abien ahorow ason.Wobeyiyi mmorɔn ne akwan na wɔayɛ bammɔ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia bere mu. 26 Mmere aduosia abien ahorow ason akyi no, wobekum Nea Wɔasra no ngo no a wɔrennya ne ho asɛm biara. Ɔhene a ɔbɛba no nkurɔfo bɛba abɛsɛe kuropɔn ne kronkronbea no. Awiei no bɛba nsuyiri, na ɔko ne mu ahoyeraw bɛba akosi awiei sɛnea wɔahyɛ no. 27 Ɔbɛhoro ɔno ne nnipa bebree ntam apam so dua mmere asonbaako mu. Na mmere asonno mfimfini no, obegyae afɔrebɔ ne ayɛyɛdema. Obedua abusude a ɛde ɔsɛe bɛba asɔredan no mu, kosi awiei a wɔahyɛ no behwie agu ne so."

Veja também