Pular para o conteúdo
Publicidade

Eclesiastes 10

1 Sɛnea nwansena funu ma aduhuam yi nka bɔne no,

saa ara na nkwaseasɛm kakraa bi boro nimdeɛ ne anuonyam so no.

2 Onyansafo koma sian nifa,

nanso ɔkwasea koma benkum.

3 Mpo ɔkwasea nam ɔkwan so a,

wohu onnim nyansa

na ɔma obiara hu wagyimi.

4 sodifo bo fuw wo a,

nnyaw wʼadwuma nto ;

na ntoboase dwudwo mfomso kɛse ano.

5 Bɔne bi a mahu owia yi ase

ɛyɛ mfomso bi a efi sodifo:

6 Wɔma nkwaseafo dibea a ɛkorɔn,

na asikafo nya nea ɛwɔ fam.

7 Mahu nkoa wɔtete apɔnkɔ so,

na mmapɔmma nam fam nkoa.

8 Obiara a otu amoa no betumi atɔ mu;

na nea obubu ɔfasu no, ɔwɔ betumi aka no.

9 Obiara a ɔpae abo no, abo no betumi apira no;

na nea ɔpae nnua no betumi anya mu akwanhyia.

10 abonnua ano kum

na wɔansew ano a

ebehia ahoɔden bebree,

nanso adwumayɛ ho nimdeɛ de nkonimdi bɛba.

11 ɔwɔ ka obi ansa na wɔadwudwo no a

nea odwudwo ɔwɔ no rennya so mfaso biara.

12 Onyansafo anom nsɛm nyam,

nanso ɔkwasea ano fafa de no ɔsɛe mu.

13 Mfiase no, wɔn nsɛm nkwaseasɛm;

awiei no, ɛyɛ adammɔ atirimɔdensɛm,

14 na ɔkwasea woro nsɛm.

Obiara nnim nea ɛreba,

hena na obetumi aka nea ebesi obi akyi akyerɛ no?

15 Ɔkwasea adwumayɛ ma ɔbrɛ;

na ɛmma onhu ɔkwan a ɛkɔ kurom.

16 Nnome nka wo, asase a na wo hene ɔsomfo

na wo mmapɔmma to pon anɔpa.

17 Nhyira nka wo, asase a wo hene ɔdehye

na wo mmapɔmma didi bere a ɛfata

de ahoɔden na ɛnyɛ nsabow.

18 obi akwadworɔ a ne mpuran mmerɛw;

ne nsa nka hwee a ne fi nwini.

19 Wɔto pon ma serew,

na nsa ma onipa ahosɛpɛw,

nanso sika na ɛyɛ biribiara safe.

20 Wʼadwene mu mpo nkasa ntia ɔhene,

na wo pia mu nso nnome ɔdefo,

efisɛ anomaa a ɔnam wim de wʼasɛm bɛkɔ,

na anomaa a otu bɛkɔ akɔka.

Veja também