Pular para o conteúdo
Publicidade

Eclesiastes 2

Anigye Ne Adwuma Ade Huhuw

1 Mekaa me koma mu se, "Afei bra, mede anigye bɛsɔ wo ahwɛ na yɛahu nea eye." Nanso ankosi hwee. 2 Mekae se, "Ɔserew nkwaseade. Na dɛn na anigye tumi ?" 3 Mepɛɛ mihu nea eye pa ara ma yɛn bere tiaa a yɛwɔ asase yi so no. Enti meyɛɛ mʼadwene mede nsa bɛsɛpɛw me ho na mahwehwɛ, ahu nkwaseasɛm nkyerɛase, a na nyansa da so mʼankasa mʼadwene ho ban.

4 Mede me nsa hyɛɛ nnwuma akɛse ase; misisii adan yɛɛ bobe nturo. 5 Meyɛɛ nturo ne ahomegyebea na miduaduaa nnuaba ahorow bebree mu. 6 Misisii nsukorae a mɛtwe nsu afi mu, de agugu nnua a ɛrenyin no so. 7 Metɔɔ nkoa ne mfenaa, na minyaa ebinom nso a wɔwoo wɔn me fi. Afei nso, minyaa anantwi ne nguan bebree sen obiara a wadi mʼanim Yerusalem. 8 Mepɛɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, gyigyee ahemfo ne amantam no ademude kaa ho. Mefaa mmarima ne mmea nnwontofo, pɛɛ mmea atenae nso; nea ɛyɛ ɔbarima koma anigyede biara. 9 Migyee din sen obiara a wadi mʼanim Yerusalem. Eyinom nyinaa mu no me nimdeɛ kɔɔ so yɛɛ adwuma.

10 Nea mʼani hwehwɛe biara mamfa ankame no;

mansiw me koma anigye ho kwan.

Me koma ani gyee me nnwuma nyinaa ho,

na eyi mʼadwumayɛ so akatua.

11 Nanso mehwɛ nea me nsa ayɛ nyinaa

ne nea mabrɛ anya a,

ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea wotu mmirika taa mframa

mannya mfaso biara owia yi ase.

Nimdeɛ Ne Nkwaseade Ade Huhuw

12 Mede mʼadwene kɔɔ nimdeɛ,

adammɔsɛm ne nkwaseasɛm so.

Dɛn bio na nea wadi ɔhene ade betumi ayɛ

asen nea wɔayɛ dedaw no?

13 Mihuu nimdeɛ ye sen nkwaseasɛm,

sɛnea hann sen sum no.

14 Onyansafo ani ne tirim,

na ɔkwasea de, ɔnantew sum mu;

nanso mihuu

wɔn nyinaa nkrabea .

15 Afei misusuw me koma mu se,

"Ɔkwasea nkrabea bɛto me nso.

Enti mihu nyansa a mfaso bɛn na minya?"

Mekaa me koma mu se,

"Eyi nso nka hwee."

16 Te ɔkwasea no, onyansafo nso, wɔrenkae no daa;

nna a ɛreba no mu, wɔrenkae wɔn baanu no.

Te ɔkwasea no, onyansafo nso bewu!

Adwumayɛ Nka Hwee

17 Ɛno nti asetena fonoo me, na adwuma a yɛyɛ owia yi ase no haw me. Ne nyinaa ahuhude, te sɛnea wotu mmirika taa mframa. 18 Mikyii nea mayɛ adwuma apɛ nyinaa owia yi ase, efisɛ ɛsɛ migyaw ma nea obedi mʼade. 19 Na hena na onim onipa ko no bɛyɛ onyansafo anaa ɔkwasea? Nanso nea mabiri me mogya ani apɛ owia yi ase nyinaa bɛkɔ ne nsam. Eyi nso ahuhude. 20 Enti mepaa abaw owia yi ase adwumaden ho. 21 Na onipa befi ne nimdeɛ, nyansa ne adwumayɛ ho nimdeɛ mu ayɛ nʼasɛde, na afei ɛsɛ ogyaw nʼadwumayɛ so aba ma obi a ɔnyɛɛ adwuma biara. Eyi nso ahuhude, na ɛhaw adwene. 22 Dɛn na onipa nya fi ne brɛ ne dadwen a ɔde adwuma owia yi ase mu? 23 Ne nkwanna nyinaa, nʼadwumayɛ ɔyaw ne ɔhaw; anadwo mpo nʼadwene adwuma. Eyi nso ahuhude.

24 Biribiara nsen onipa bedidi na wanom na wanya ahotɔ adwumayɛ mu. Eyi nso mihuu efi Onyankopɔn, 25 efisɛ ɛnyɛ ɔno a anka hena na obetumi adidi anaasɛ obenya ahotɔ? 26 Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no, ɔma no nimdeɛ, nyansa ne anigye, nanso omumɔyɛfo de, ɔma ɔboaboa ahonyade ano ma nea ɔsɔ Onyankopɔn ani. Eyi nso ahuhude, sɛnea wɔde mmirikatu taa mframa no.

Veja também