Pular para o conteúdo
Publicidade

Eclesiastes 4

Nhyɛso, Adwumaden, Ankonam

1 Bio, mehwɛ mihuu nhyɛso a ɛrekɔ so owia yi ase:

Mihuu wɔn a wɔredi wɔn nya no nusu

na wonni ɔwerɛkyekyefo biara;

tumi no wɔn nhyɛsofo no nsam

na wonni ɔwerɛkyekyefo biara.

2 Na mekae se: Awufo a

wɔawuwu dedaw no,

ani gye sen ateasefo;

wɔn a wɔda so nkwa mu no.

3 Na nea oye sen baanu yi

ne nea onnya mmae,

nea onnya nhuu bɔne a

wɔyɛ owia yi ase.

4 Na mihuu adwumayɛ mu ɔbrɛ ne nea onipa tumi nyinaa nnyinaso ne nʼani bere ne yɔnko. Eyi nso ahuhude, mmirika a wotu taa mframa.

5 Ɔkwasea bobɔw ne nsa gu ne ho

na ɔsɛe ne ho.

6 Nsammua baako a asomdwoe mu

ye sen nsammua abien a ɔbrɛ bata ho;

ɛte nea wotaa mframa.

7 Afei nso mihuu biribi a ɛnka hwee owia yi ase:

8 Na ɔbarima bi a ɔyɛ ankonam;

onni ɔbabarima anaa onuabarima.

Nʼadwumaden amma nʼawie da,

nanso nʼani ansɔ nʼahonya.

Obisaa ne ho se, "Na hena na merebrɛ ama no,

na adɛn nti na mede anigye kame me kra?"

Eyi nso ahuhude,

ɛyɛ ɔhaw kwa.

9 Baanu ye sen ɔbaakofo,

efisɛ wonya wɔn brɛ so mfaso a ɛsɔ ani:

10 ɔbaako hwe ase a

ne yɔnko betumi aboa no.

Nanso onipa a ɔhwe ase a

onni ɔboafo no, mmɔbɔ.

11 Bio, baanu da mu a wɔka wɔn ho hyew.

Na ɛbɛyɛ dɛn na ankonam bɛka ne ho hyew?

12 Ɔbaakofo de, wobetumi aka no ahyɛ

nanso baanu tumi pere wɔn ti.

Hama a wɔawɔ no mmɛsa no, wontumi ntetew mu ntɛm.

Nkɔso Adehunu

13 Ɔbabun nyansafo a odi hia ye sen ɔhene akwakoraa a ɔyɛ ɔkwasea na ontie kɔkɔbɔ bio. 14 Ebia na ɔbabun no fi afiase na obedii ade anaasɛ wɔwoo no too ohia mu adehye abusua mu. 15 Mihuu wɔn a wɔtenaa ase na wɔnantew owia yi ase nyinaa dii ɔbabun no akyi, nea odii ɔhene no ade no. 16 Nnipadɔm a wontumi nkan wɔn dii nʼakyi. Nanso nkyirimma no ani annye ne ho. Eyi nso ahuhude, ɛte wotaa mframa.

Veja também