Pular para o conteúdo
Publicidade

Eclesiastes 5

Suro Onyankopɔn

1 wokɔ Onyankopɔn fi a, hwɛ wʼanammɔntu yiye. Bɛn no na tie no sen wobɛbɔ nkwaseafo afɔre, wɔn a wonnim mfomso a wɔyɛ no.

2 Mpɛ ntɛm nkasa.

Mpere wo ho wo koma mu

wobɛka asɛm bi Onyankopɔn anim.

Onyankopɔn te ɔsoro

na wo de, wowɔ asase so,

enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.

3 Adaeso fi adwennwen bebree mu ba,

na nsɛm dodow da adi ɔkwasea kasa mu.

4 wohyɛ Onyankopɔn a, ntwentwɛn wo nan ase ho. Onni anigye nkwaseafo mu; enti di wo bɔhyɛ so. 5 woanhyɛ koraa a eye sen wobɛhyɛ na wunni so. 6 Mma wʼano mfa wo nkɔ bɔne mu. Nyi wʼano nkyerɛ asɔredan mu somfo se, "Me bɔhyɛ no mfomso." Adɛn nti na ɛsɛ Onyankopɔn bo fuw nea woka na ɔsɛe wo nsa ano adwuma? 7 Adaeso ne nsɛnkeka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn.

Ahonya Ahuhude

8 wuhu ohiani a wɔhyɛ ne so ɔmansin bi mu, na atɛntrenee ne ahofadi abɔ no a, mma eyinom nyɛ wo nwonwa, efisɛ nea ɔso sen no hwɛ no so, na nea ɔso sen wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so. 9 Wɔn nyinaa fa asase no so siade; na ɔhene no ankasa nya mfuw no so mfaso.

10 Nea nʼani bere sika no nnya nea ɛdɔɔso da;

na nea ɔpɛ ahonyade dodow no ani nsɔ nea onya.

Eyi nso ahuhude.

11 Adetɔnnne bu so a,

saa ara na atɔfo no nso dɔɔso.

Na mfaso bɛn na nea ɛwɔ no no nya

sen ɔde nʼani bɛhwɛ?

12 Ɔpaani da ma nʼani kum,

wadidi amee, anaasɛ wammee,

nanso ɔdefo ahonya dodow nti

ontumi nna.

13 Mahu bɔne kɛse owia yi ase:

wɔde ahode sie de haw ne wuranom,

14 anaasɛ ahode fa atoyerɛnkyɛm bi so hwere

ɛbɛyɛ na wonya mma a

wɔremmɛto hwee mfa.

15 Adagyaw na onipa de fi ne na yafunu mu bae,

na sɛnea ɔbae no, saa ara na ɔbɛkɔ.

Ɔremfa nʼadwumayɛ so mfaso biara a

obetumi akita ne nsa mu no nkɔ.

16 Eyi nso ɔhaw kɛse:

Sɛnea onipa ba no, saa ara na ɔkɔ,

na mfaso bɛn na onya

bere a ɔyɛ adwuma ma mframa?

17 Ne nna nyinaa mu no, odidi a nʼanom nyɛ no ,

efisɛ abawpa, ateetee ne abufuw no so.

18 Afei mihuu eye ma onipa obedidi na wanom na wama nʼani agye nʼadwumaden ho owia yi ase, mmere kakra a Onyankopɔn de ama no yi mu, efisɛ eyi ne ne kyɛfa. 19 Nea ɛka ho ne , Onyankopɔn ma onipa bi ahonyade ne adenya, na onya ahotɔ, de anigye nʼadwuma, na ohu ne kyɛfa ne no a, ɔnkae ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde. 20 Ɔntaa ntena ase nnwen ne nkwanna ho, efisɛ Onyankopɔn de koma mu anigye ama no.

Veja também