Pular para o conteúdo
Publicidade

Eclesiastes 9

Nkrabea A Ɛwɔ Ma Yɛn Nyinaa

1 Enti medwenee eyinom nyinaa ho na mihuu atreneefo, anyansafo ne nea wɔyɛ Onyankopɔn nsam; nanso obiara nnim ɔdɔ anaasɛ ɔtan retwɛn no. 2 Wɔn nyinaa nkrabea baako; atreneefo ne amumɔyɛfo, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, wɔn a wɔbɔ afɔre ne wɔn a wɔmmɔ.

Sɛnea ɛte ma onipa pa no,

saa ara na ɛte ma ɔbɔnefo;

sɛnea ɛte ma wɔn a wɔka ntam no,

saa ara na ɛte ma wɔn a wosuro wɔbɛka ntam.

3 Eyi ne bɔne a ɛwɔ biribiara a esi owia yi ase mu. Nkrabeakoro ba yɛn nyinaa so. Nea ɛka ho ne , bɔne ahyɛ nnipa koma mu ma na adammɔ nsɛm wɔn koma mu, bere a wɔwɔ nkwa mu, na akyiri no wɔkɔka awufo ho. 4 Obiara a ɔka ateasefo ho no anidaso, mpo ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.

5 Na ateasefo nim wobewu,

nanso awufo nnim hwee;

wonni akatua biara bio,

na wɔn ho nkae mpo ayera.

6 Wɔn , ɔtan

ne ninkunu atu ayera dedaw;

wonni hwee

biribiara a esi owia yi ase mu.

7 Enti , fa anigye di wʼaduan, na fa ahosɛpɛw koma nom wo nsa, efisɛ saa bere yi na Onyankopɔn pene nea woyɛ so. 8 Bere biara ma wʼadurade nyɛ fitaa na fa ngohuam sra wo tirim. 9 Wo ne wo yere, munnye mo ani, ɔbea a wodɔ no no, nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo owia yi ase, mo ahuhude nna no. Efisɛ ɛyɛ mo kyɛfa mo nkwanna mu, ne mo adwumaden owia yi ase. 10 Nea wo nsa bɛso so biara, fa wʼahoɔden nyinaa , efisɛ ɔda a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwennwene, nhumu ne nimdeɛ nni .

11 Mihuu biribi foforo owia yi ase:

Mmirikakansi nni mma nea ne ho hare

anaasɛ ɔko nni mma ɔhoɔdenfo,

aduan mma onyansafo nkyɛn

anaasɛ ahonya nnkɔ nhumufo ,

na adom nnkɔ nimdefo nkyɛn;

nanso bere ne akwannya ma wɔn nyinaa.

12 Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne bere bɛso:

Sɛnea asau buma mpataa,

ne sɛnea afiri yi nnomaa no

saa ara na mmere bɔne to nnipa

bere a wɔn ani nni wɔn ho so.

Nimdeɛ Ye Sen Nkwaseasɛm

13 Bio, mihuu saa nimdeɛ ho nhwɛso yi owia yi ase ma mʼani gyee ho yiye: 14 Bere bi na kuropɔn ketewa bi a mu nnipa kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi tow hyɛɛ kuropɔn yi so, otwaa ho hyiae na osisii mpie akɛse tiaa no. 15 Na ohiani bi a onim nyansa kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii . Nanso obiara ankae saa ohiani no. 16 Enti mekae se, "Nimdeɛ ye sen ahoɔden." Nanso wobuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio.

17 Ɛsɛ wotie onyansafo nsɛm a ɔka no brɛoo no

na ɛnyɛ nkwaseafo sodifo nteɛteɛmu.

18 Nimdeɛ ye sen akode,

nanso ɔdebɔneyɛni baako sɛe nnepa bebree.

Veja também