2 Wɔn nyinaa nkrabea yɛ baako; atreneefo ne amumɔyɛfo, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, wɔn a wɔbɔ afɔre ne wɔn a wɔmmɔ.
Sɛnea ɛte ma onipa pa no,
saa ara na ɛte ma ɔbɔnefo;
sɛnea ɛte ma wɔn a wɔka ntam no,
saa ara na ɛte ma wɔn a wosuro sɛ wɔbɛka ntam.