Pular para o conteúdo
Publicidade

Efesofo 1

Aseda Ne Mpaebɔ

15 Esiane eyi nti, efi bere a metee gyidi a mowɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfo no, 16 minnyaee aseda a mede ma Onyankopɔn mo ho no da. Mekae mo me mpaebɔ mu, 17 na mibisa yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, anuonyam Agya no se ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu no. 18 Mesrɛ mo adwene mu mmue na munhu ne hann no, sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya anidaso a ɛno nti ɔfrɛɛ mo no, ne ahonya a ɛwɔ agyapade kronkron a ɛwɔ ma ahotefo no, 19 ne ne tumi a ɛso na biribiara ne no nsɛ ma yɛn a yegye di no. Ɛyɛ saa tumi nwonwaso no ara na ɔdaa no adi 20 bere a onyan Kristo fii awufo mu na ɔde no tenaa ne nifa so ɔsoro ahemman no mu no. 21 Saa tumi yi korɔn sen mpanyinni ne tumidi, ahoɔden ne kɛseyɛ, ne dibea biara a wotumi de ma saa bere yi ne bere a ɛbɛba no mu. 22 Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no, 23 a ɛne ne nipadua. Ɔno ne nea ɔhyɛ ade nyinaa ma akwan nyinaa mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também