Pular para o conteúdo
Publicidade

Efésios 3

Paulo, Amanamanmufo Ɔsɛmpakafo

1 Me Paulo, mo amanamanmufo nti Kristo Yesu de me yɛɛ odeduani.

2 Nokware mu, moate Onyankopɔn adom a ɔnam me so de ma mo no ho asɛm, 3 a ɛno ne ahintasɛm a wɔnam adiyi so de ama sɛnea makyerɛw no tiaa dedaw no. 4 Na mokenkan eyi a na mobɛte nhumu a mewɔ Kristo ahintasɛm ho no ase, 5 nea wɔanyi ankyerɛ awo ntoatoaso bi mu nnipa sɛnea nnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafo ne adiyifo akronkron no. 6 Saa ahintasɛm yi kyerɛ amanamanmufo ne Israelfo mu adedifo. Wɔbɔ mu nipadua baako, na wɔwɔ kyɛfa Kristo Yesu mu bɔhyɛ no mu.

7 Onyankopɔn dom akyɛde a ɔnam ne tumi so adwuma yɛn mu nti, meyɛɛ asɛmpa no ho somfo. 8 Ɛwɔ mu me ne aketewa pa ara Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa mu, nanso Onyankopɔn yɛɛ me adom menkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no nkyerɛ amanamanmufo, 9 na memma nnipa nyinaa nhu saa ahintasɛm yi dwumadi a wɔde asie Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa mu mfe bebree a atwa mu no mu no. 10 Nʼatirimpɔw ne afei ɔnam asɔre no so bɛda ne nyansa a emu no adi akyerɛ wim mpanyinni ne atumfo, 11 sɛnea ɔnam yɛn Awurade Kristo Yesu so wiee ne botae a ɛwɔ daa no. 12 Afei Kristo ma yɛn akokoduru ne ahotoso a ɛma yenya gyidi ba Onyankopɔn anim. 13 Mesrɛ mo, mommma mo aba mu mmu amane a mihu ma mo no ho. Ɛyɛ mo anuonyamhyɛ.

Wɔbɔ Mpae Ma Efesofo

14 Eyi nti mibu nkotodwe Agya no anim, 15 ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so no so. 16 Mebɔ mpae omfi nʼanuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den, 17 sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo bɛfa mo gyidi so abɛtena mo koma mu. moagye ntin na moatim ɔdɔ mu no, mebɔ mpae 18 mo ne ahotefo nyinaa benya tumi, na moate Kristo no trɛw, ne tenten, ne korɔn ne emu no ase, 19 na moahu saa ɔdɔ a ɛtra adwene nyinaa so no, na Onyankopɔn ahyɛ mo ma.

20 Anuonyam nka Onyankopɔn a ne tumi adwuma yɛn mu. Ɔnam saa tumi yi so nea yebisa anaa nea yesusuw ma ɛboro so. 21 Anuonyam nka Onyankopɔn asafo no ne Kristo Yesu mu mfi nnɛ nkosi daa daa. Amen.

Veja também