Pular para o conteúdo
Publicidade

Efésios 6

Mma Ne Awofo

1 Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu efisɛ saa na eye. 2 "Di wʼagya ne wo na ni," eyi ne mmaransɛm a edi kan a bɔhyɛ ka ho, 3 "na asi wo yiye na wo nna nso aware asase yi so."

4 Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw. Na mmom montetew wɔn Awurade nkyerɛkyerɛ mu.

Nkoa Ne Awuranom

5 Nkoa, momfa obu ne osuro mfi koma pa mu nyɛ osetie mma mo honam fam wuranom, sɛnea mobɛyɛ osetie ama Kristo no ara. 6 Monyɛ osetie mma wɔn, ɛnyɛ mobɛsɔ wɔn ani bere a wɔrehwɛ mo nko ara, na mmom monyɛ Kristo nkoa a mufi mo koma mu reyɛ Onyankopɔn apɛde. 7 Momfa mo koma nyinaa nsom sɛnea moresom Awurade a ɛnyɛ nnipa, 8 efisɛ munim adwuma pa biara a obi no, ɔyɛ ɔsomfo anaa ɔde ne ho no, Awurade betua no so ka.

9 Awuranom, saa ara na mo nso monyɛ mo asomfo. Munnyae wɔn ahunahuna efisɛ mo ne mo asomfo nyinaa owura baako a ɔwɔ ɔsoro; na ɔno de, ɔnhwɛ anim.

Nyankopɔn Akode

10 Nea etwa to ne , monyɛ den ne tumi kɛse no mu. 11 Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa na moatumi agyina ɔbonsam nhyehyɛe ano. 12 Efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro na anya. 13 Eyi nti, monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na da bɔne no ba a moatumi agyina, na muwie biribiara a moagyina pintinn. 14 Enti munnyina pintinn na momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo, 15 na momfa Asɛmpa no asomdwoe no nhyehyɛ mo anan. 16 Eyinom nyinaa akyi no, momfa gyidi kyɛm, nea mode bedum ɔbɔnefo bɛma a ɛredɛw no. 17 Momfa nkwagye dade kyɛw ne Honhom no afoa a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm no.

18 Mommɔ mpae mmere nyinaa mu Honhom mu, mpaebɔ ahorow ne nkotosrɛ mu. Eyi nti monna mo ho so, na mommɔ mpae mma ahotefo. 19 Mommɔ mpae mma me nso na mibue mʼano a, wɔama me asɛm aka, na matumi akasa akokoduru so ada Asɛmpa no mu ahintasɛm adi. 20 Mprempren meyɛ ho nanmusini a meda mpokyerɛ mu. Ɛno nti, mommɔ mpae mma me na matumi de akokoduru apae mu aka no sɛnea ɛsɛ meka no.

Nkradi

21 Yɛn nua dɔfo Tihiko a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu somfo nokwafo no bɛka biribiara akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛnea me ho te ne dwuma a meredi. 22 Eyi nti na meresoma no mo nkyɛn, ama moahu sɛnea yɛn ho te, na wahyɛ mo nkuran nso.

23 Asomdwoe nka anuanom nyinaa, na Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma mo nokware .

24 Onyankopɔn adom nka wɔn a wɔdɔ yɛn Awurade Yesu Kristo daa nyinaa no.

Veja também