Pular para o conteúdo
Publicidade

Filipenses 1

Nkyia

1 Saa nhoma yi fi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn,

Wɔde kɔma Yesu Kristo mu ahotefo ne ahwɛfo ne asomafo a wɔwɔ Filipi no nyinaa:

2 Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Paulo Mpaebɔ

3 Bere biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase. 4 Saa ara nso na da biara mede anigye mpae ma mo, 5 efisɛ efi da a edi kan de besi sesɛɛ no, moaboa me asɛmpaka no adwumayɛ mu. 6 Eyi nti migye di yiye Onyankopɔn a ofii ase yɛɛ saa adwuma pa yi mo mu no bɛkɔ so de akosi da a Yesu Kristo bɛba no.

7 Sɛnea mo ho adwene pa me tirim no nti daa mekae mo a, na ne kwan so ara ne no. Efisɛ meda mpokyerɛ mu, anaasɛ mede me ho na mereka Asɛmpa no a, mo nyinaa ne me nya Onyankopɔn adom. 8 Onyankopɔn ankasa di me adanse mʼani agyina mo Yesu Kristo mu.

9 Me mpae a mebɔ ma mo ne ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mubenyin nimdeɛ ne ntease mu, 10 sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu nea eye na da a Kristo bɛba no na moayɛ kronkron a obi nka asɛm bi ntia mo. 11 Nneɛma pa a Yesu Kristo no nko betumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam akamfo no.

12 Anuanom, mepɛ mote ase nneɛma a aba me so nyinaa aboa ama Asɛmpa no atrɛw. 13 Ɛno nti awɛmfo a wɔwɔ ahemfi ha ne afoforo a wɔka wɔn ho no nyinaa nim , esiane meyɛ Kristo somfo no nti na meda afiase. 14 Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran Awurade mu ma wotumi ka Onyankopɔn asɛm no akokoduru so a wonsuro hwee.

15 Ɛyɛ nokware wɔn mu ebinom nam nitan ne ntɔkwapɛ so ka Kristo ho asɛm foforo, na afoforo nso de adwene pa na ɛka ne ho asɛm. 16 Wɔn a wɔde adwene pa ka asɛm no fi ɔdɔ mu na ɛka, efisɛ, wonim Onyankopɔn asɛm nti na meda afiase. 17 Afoforo a wɔnam nitan ne ntɔkwapɛ so ka asɛm no nso dwene wɔnam saa kwan yi so bɛma mʼahohiahia aboro so mʼafiasenna nna yi mu. 18 Eyi nti na ayɛ dɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Nea ehia ara ne , wofi adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka.

Na eyi nti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye, 19 efisɛ minim mo mpaebɔ ne adom a efi Yesu Kristo Honhom mmoa mu no nti wobegyaa me. 20 Me ne mʼanidaso titiriw ne , mmere nyinaa mede nsi ne anem bɛyɛ mʼadwuma; mpo saa bere yi, mete ase o, miwu o, mede me nipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo anuonyam. 21 Me de, Kristo nti na mete ase; na mpo, owu me mfaso. 22 Nanso mete ase a, metumi ayɛ adwuma a so mfaso ama Kristo. Ɛno nti minhu mu nea memfa, asetena anaasɛ owu. 23 Eyi ayɛ me aniani. na mepɛ mitu fi wiase ne Kristo kɔtena, efisɛ ɛno mmom na eye; 24 nanso mo nti, mete ase nso a anka eye. 25 Minim me ho hia asase yi so ha; ɛno nti migye di mɛtena ha kakra na maboa mo ama moanyin gyidi mu anya anigye. 26 Mʼasetena yi bɛma mo ani agye na mesan bɛsra mo bio a, mubenya biribi agyina so ahyɛ Kristo anuonyam ɔbɔɔ me ho ban.

27 Mprempren, ade a ɛho hia me ne biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata Kristo Asɛmpa no nko ara, sɛnea ɛbɛyɛ a, yehyia o, yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa mugyina pintinn na mukura botae koro ne gyidi koro Asɛmpa no ho. 28 Munnsuro mo atamfo. Biribiara a mobɛyɛ no, momfa akokoduru nnyina pintinn. Na eyi bedi adanse wobedi nkogu na moadi nkonim, efisɛ Onyankopɔn ka mo ho. 29 Na mo de, ɛnyɛ wɔadom mo munni Kristo akyi nko, na mmom mubehu amane nso. 30 Afei mubetumi ne me abɔ mu ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na bere a atwa mu no, mekoe na migu so reko sɛnea mote no.

Veja também

Filipenses
Ver todos os capítulos de Filipenses