5 Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo de no bi.
6 Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu de,
nanso wanhwɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ.
7 Ɔdan ne tumi kɛse ne nʼanuonyam too nkyɛn.
Mmom, ofii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so,
baa sɛ onipa bɛyɛɛ nʼade sɛ onipa.
8 Ɔbrɛɛ ne ho ase,
yɛɛ osetie
de koduu owu mu,
asennua ho wu mu mpo.
9 Eyi nti Onyankopɔn maa ne so kɔɔ baabi a ɛkorɔn koraa,
maa no din a edi din nyinaa so.
10 Na ɛno nti sɛ wɔbɔ Yesu din a,
ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa bɛkotow no.
11 Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka se,
Yesu Kristo ne Awurade,
de ahyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.