Pular para o conteúdo
Publicidade

Filipenses 3

Botae No Ho

12 Ɛnyɛ manya eyinom nyinaa dedaw, anaasɛ madu me botae ho dedaw. Na mmom merepere akɔ mʼanim ara me nsa beso nea enti a Kristo Yesu nso soo me mu no mu. 13 Anuanom, memfa no me nsa aso mu. Ade baako a ɛsɛ meyɛ ne , ɛsɛ me werɛ fi mʼakyi na meyere me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a medu nea ɛwɔ mʼanim no ho. 14 Eyi nti mitu mmirika mʼanim tee na madu ɔsoro botae no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho.

15 Ɛsɛ yɛn a yenyin Honhom mu no nyinaa dwene saa. mo mu bi nso adwene foforo a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo.

Veja também

Filipenses
Ver todos os capítulos de Filipenses