Pular para o conteúdo
Publicidade

Gálatas 2

Paulo Ne Asomafo A Wɔaka No

1 Me ne Barnaba san kɔɔ Yerusalem Mfe dunan akyi. Mede Tito nso kaa me ho. 2 Mekɔe, efisɛ Onyankopɔn na ɔdaa no adi kyerɛɛ me se menkɔ. Me ne mpanyimfo no yɛɛ nhyiamu kokoa mu kyerɛkyerɛɛ asɛmpa a meka kyerɛɛ amanamanmufo no kyerɛɛ wɔn. Na mempɛ mʼadwuma a mayɛ dedaw ne nea migu so reyɛ no ɔkwa. 3 Ɛwɔ mu me boafo Tito Helani de, nanso wɔanhyɛ no ontwa twetia. 4 Asɛm yi sii, efisɛ na anuanom bi a wɔnyɛ nokwafo awia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔrehwehwɛ ahofadi a yɛwɔ Kristo Yesu mu, na wɔde yɛn ayɛ nkoa. 5 Yɛamma wɔn mu kwan koraa, esiane a na yɛpɛ nokware a ɛwɔ Asɛmpa no mu no bɛtena mo mu no nti.

6 Sɛnea wɔn a wɔfa wɔn ho wɔyɛ atitiriw no te biara no, meka se minhu wɔn ntam nsonoe biara. Onyankopɔn nhwɛ nnipa ho mmu atɛn; saa mpanyimfo no mfaa adwene foforo biara mmɛkaa mʼasɛm no ho. 7 Na mmom wohuu Onyankopɔn de adwuma no ahyɛ me nsa menka Asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufo sɛnea ɔde adwuma no hyɛɛ Petro nsa ɔnka Asɛmpa no nkyerɛ Yudafo no ara . 8 Na Onyankopɔn a ɔnam Petro so adwuma Yudafo mu somafo no ara na ɔnam me so adwuma amanamanmufo mu, sɛnea Petro Yudafo mu adwuma no . 9 Yakobo, Petro ne Yohane a na wɔfa no wɔyɛ mpanyimfo no gye too mu se, Onyankopɔn ama me adwuma sononko bi minni, enti wokyiaa me ne Barnaba. Wɔpenee so se yɛnyɛ adwuma amanamanmufo no mu na wɔn nso wɔnyɛ adwuma Yudafo no mu. 10 Nea wɔkae ara ne yɛnkae ahiafo wɔn kuw no mu sɛnea mepɛ meyɛ no.

11 Bere a Petro baa Antiokia no, mesɔre tiaa nea ɔreyɛ no mu bagua mu, efisɛ na ɔreyɛ mfomso. 12 Ansa na mmarima bi a Yakobo somaa wɔn no beduu no, na Petro ne anuanom amanamanmufo no to nsa didi. Nanso akyiri a nnipa no bedui no, ɔtwee ne ho a ɔne wɔn annidi bio, efisɛ na osuro wɔn a wɔpɛ wotwa amanamanmufo twetia no. 13 Anuanom Yudafo a wɔaka no yɛɛ ahufo de wɔn ho bɔɔ Petro maa Barnaba nso de ne ho kɔbataa wɔn.

14 Mihuu nea wɔreyɛ no ne Asɛmpa no abira no, mekaa Petro ne bagua no anim se, "Woyɛ Yudani a mprempren wunni Yudafo amanne so bio. Adɛn nti na wohyɛ amanamanmufo wonni Yudafo amanne so?

15 "Yɛn a yɛyɛ Yudafo fi yɛn awo mu a yɛnyɛ amanamanmufo nnebɔneyɛfo no 16 nim ansa na obi bedi bem Onyankopɔn anim no, na gye wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ ɔbɛyɛ nea mmara no hwehwɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛnea yɛnam so bedi bem Onyankopɔn anim; efisɛ ɛnam gyidi so na wobebu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara no apɛde a yɛyɛ no so.

17 "yɛpɛ wobu yɛn bem Kristo mu na ɛda adi yɛn nso yɛyɛ nnebɔneyɛfo a, na ɛkyerɛ Kristo pene bɔne so? Ɛnte saa koraa. 18 Na mifi ase nea magyae a, na ɛkyerɛ meyɛ mmaratofo.

19 "Efisɛ mpɛn dodow a mepɛɛ medi mmara no so no, mmara no buu me . Mmara no ankasa akum me. Ɛno nti minni mmara no tumi ase bio, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛtena ase ama Onyankopɔn mmom. Wɔabɔ me ne Kristo asennua mu, 20 enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu mprempren yi, mete ase Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidi mu. 21 Mempo Onyankopɔn adom no. onipa nam Mmara so fata Onyankopɔn anim a, na ɛkyerɛ Kristo wu a owui no ɔkwa."

Veja também