Pular para o conteúdo
Publicidade

Joel 2

Mmoadabi Dɔm

1 Hyɛn torobɛnto no Sion;

hyɛn abɛn no me bepɔw kronkron no so.

Ma wɔn a wɔte asase no so nyinaa ho mpopo,

efisɛ Awurade da no reba,

na abɛn koraa.

2 Sum ne kusukuukuu da.2.2 Sum…da. Sum yɛ daa daa adiyisɛm a wɔka fa Awurade da no ho. (Amos 5.18; Sef 1.15).

Omununkum ne sum kabii da.

Sɛnea adekyee hann trɛtrɛw mmepɔw so no,

saa ara na asraafo a wɔdɔɔso na wɔyɛ den ba no te.

Wonhuu wɔn sɛso bi da,

na wɔrenhu ne sɛso nso da.

3 Ogya rehyew wɔn anim,

ogyatannaa dɛw wɔn akyi,

asase a ɛda wɔn anim no te Eden turo,

nea ɛda wɔn akyi no te nweatam,

hwee nguan wɔn.

4 Wɔte apɔnkɔ.

Wohuruhuruw te apɔnkɔsotefo asraafo.

5 Wɔyɛ gyegyeegye te nteaseɛnam

na wotu fa mmepɔw atifi,

wɔte ogyatannaa a ɛhyew nwuraguanee

wɔte asraafo akantinka a wɔrekɔ ɔsa.

6 Aman ani wɔn so a, ehu wɔn;

na wɔn anim hoa.

7 Wɔko wɔn anim te akofo;

wɔforo afasu te asraafo

na wɔn nyinaa wɔn anim tee,

na wɔmman benkum anaa nifa.

8 Wontwintwan wɔn ho wɔn ho anan mu;

obiara nantew nʼanim tee.

Wobu fa abandennen so,

na wɔpem wɔn anim ara.

9 Wɔtow hyɛ kuropɔn no so

wotu mmirika fa afasu no so

wɔforo afi mu,

wɔfa mfɛnsere mu te akorɔmfo.

10 Asase wosow wɔn anim,

na ɔsoro hinhim.

Owia ne ɔsram duru sum,

na nsoromma nhyerɛn bio.

11 Awurade bobɔ mu

de di nʼasraafo no anim.

Nʼakofo no dɔɔso bebree,

ahoɔdenfo ne wɔn a wodi nʼahyɛde so.

Awurade da no kɛse na ɛyɛ hu;

hena na obetumi agyina ano?

Ahonu

12 "Na afei," sɛnea Awurade se ni,

"San fa wo koma nyinaa bra me nkyɛn,

akɔnkyen, osu ne awerɛhow mu."

13 Sunsuan wo koma

na ɛnyɛ wo ntade mu.

San bra Awurade wo Nyankopɔn nkyɛn,

efisɛ, ɔyɛ ɔdomfo, ne yam ye.

Ne bo kyɛ fuw na ne boro so,

na ɛnyɛ no anigye ɔtwe yɛn aso.

14 Hena na onim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahu mmɔbɔ

na wagyaw nhyira,

a ɛyɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde

a mode ma Awurade mo Nyankopɔn no.

15 Hyɛn torobɛnto Sion!

Mommɔ akɔnkyen kronkron ho dawuru,

momfrɛ nhyiamu kronkron.

16 Mommoaboa nnipa no ano

montew nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron;

mommoaboa mpanyimfo,

mmofra ne mmea a wɔrema nufu ano.

Ma ayeforo ne ayeforokunu mfi wɔn pia mu mmra.

17 Asɔfo a wɔsom Awurade anim no,

nsu afɔremuka no ne abrannaa no ntam;

na wɔnka se, "Awurade fa wo nkurɔfo ho kyɛ wɔn.

Mma wʼagyapade nyɛ ahohorade

anaa fɛwdi aman no mu.

Adɛn nti na ɛsɛ wubisa nnipa no mu se,

Wɔn Nyame no he?’ "

Awurade Mmuae

18 Na Awurade bɛtwe ninkunu nʼasase ho

na ne nkurɔfo ayɛ no mmɔbɔ.

19 Awurade bebua se,

"Merebrɛ mo aduan, nsa foforo ne ngo,

a ɛbɛso mo ama moamee pintinn.

Merenyɛ mo ahohorade

mma aman no bio.

20 "Mɛpam atifi fam asraafo no afi wo nkyɛn akɔ akyirikyiri,

mepia wɔn akɔ asase a awo na ɛyɛ kesee so.

Nifa dɔm no bɛmem Nkyene Po no mu,

na kyidɔm no bɛmem Ntam Po no mu.

Na afunu no bɛbɔn

na ne nka betu."

Nokware wayɛ nneɛma akɛse!

21 Munnsuro, me nkurɔfo!

Momma mo ani nnye, na monsɛpɛw mo ho.

Nokware Awurade ayɛ nneɛma akɛse.

22 Munnsuro, mo wuram mmoa!

Efisɛ sare so adidibea reyɛ frɔmfrɔm.

Nnua no resow wɔn aba;

borɔdɔma ne bobe nso resow wɔn aba.

23 Momma mo ani nnye, mo Sion mma,

Munni ahurusi Awurade mo Nyankopɔn mu,

efisɛ watɔ asusowsu ama mo,

ne nokwaredi nti.

Watɔ osu bebree ama mo

ne bere mu te kan no.

24 Aduan bɛyɛ awiporowbea ma,

nsa foforo ne ngo bebu so kyi amoa mu.

25 "Mɛhyɛ mo anan mu,

nea mohweree

mfe dodow a mmoadabi bɛsɛee mo nneɛma,

mmoadabi akɛse ne nkumaa,

ne wɔn a aka no nyinaa,

me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no.

26 Mubedidi amee,

na mubeyi Awurade mo Nyankopɔn din ayɛ.

Ɔno na wayɛ anwonwade ama mo;

me nkurɔfo ani renwu bio.

27 Afei, mubehu , mewɔ Israel,

mubehu mene Awurade, mo Nyankopɔn,

na obiara nni me;

Me nkurɔfo ani renwu bio da."

Awurade Da

28 "Na akyiri no,

mehwie me honhom agu nnipa nyinaa so,

mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm,

mo nkwakoraa bɛsoso adae,

mo mmerante benya anisoadehu.

29 Saa mmere no mu no,

mehwie me Honhom agu

mʼasomfo so, mmarima ne mmea.

30 Mɛyɛ anwonwade ɔsoro ne asase so,

mede mogya, ogya ne wusiw kumɔnn.

31 Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no, owia beduru sum na ɔsram nso ayɛ mogya.

32 Na obiara a ɔbɔ Awurade din no,

wobegye no nkwa.

Efisɛ nkwagye bɛba

ama wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu

a Awurade afrɛ wɔn

Sion bepɔw so ne Yerusalem nyinaa,"

sɛnea Awurade aka no.

Veja também

Joel
Ver todos os capítulos de Joel