Yesu Frɛ Filipo Ne Natanael
43 Ade kyee no, Yesu yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ohuu Filipo ka kyerɛɛ no se, "Di mʼakyi."
44 Na Filipo nso fi Betsaida a na Petro ne Andrea nso fi no. 45 Filipo fii hɔ kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, "Yɛahu Agyenkwa no a Mose ne adiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ofi Nasaret no ba."