Lasaro Wu
1 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kurow a na Maria ne ne nua Marta fi mu. Da bi, saa ɔbarima yi yaree. 2 Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no na ohwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tinwi pepae no. 3 Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, "Awurade, wo dɔfo no yare."
4 Yesu tee nkra no ɔkae se, "Ɛnyɛ saa ɔyare yi na ebekum Lasaro. Mmom Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa ɔyare yi so hyɛ ne ho anuonyam, na saa anuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no." 5 Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabea Marta ne Lasaro asɛm yiye. 6 Bere a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare denneennen no wankɔ saa bere no ara mu; ɔtenaa hɔ nnaanu. 7 Afei ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Momma yɛnsan nkɔ Yudea."
8 Nanso asuafo no ka kyerɛɛ no se, "Kyerɛkyerɛfo, ɛnkyɛe biara na Yudafo no pɛɛ sɛ wosiw wo abo na afei wuse yɛnsan nkɔ hɔ bio yi?"
9 Yesu kae se, "Nnɔnhwerew dumien na ɛwɔ da koro mu, meboa ana? Ɛno nti sɛ obi nam hann mu a ɔrenhintiw, efisɛ ɔnam wiase hann mu. 10 Nanso sɛ ɔnam anadwo sum mu a obehintiw, efisɛ ɔnam sum mu."
11 Yesu san kae se, "Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akonyan no."
12 Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, "Awurade, sɛ wada de a ɛno de, na ne ho bɛtɔ no." 13 Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu nanso asuafo no de, na wosusuw sɛ nna ara na wada.
14 Ɛno nti Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee se, "Lasaro awu;