Yesu Hyɛn Yerusalem Sɛ Ɔhene
12 Ade kyee no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, 13 wobubuu berɛw de kohyiaa no kwan de ahurusi teɛteɛɛ mu se,
"Hosiana!"
"Nhyira nka nea ɔreba wɔ Awurade din mu no!"
"Nhyira nka Israelhene!"