11 Na afei, merefi wiase na magyaw wɔn wɔ akyi aba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛnea wo ne me yɛ baako no. 12 Bere a me ne wɔn wɔ hɔ no, mede tumi a wode maa me no hwɛɛ wɔn so. Mebɔɔ wɔn ho ban, na wɔn mu biara anyera, gye onipa a ɛsɛ sɛ ɔyera no nko ara, sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu.