15 Mimmisa wo sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom mesrɛ sɛ bɔ wɔn ho ban fi ɔbonsam nsam. 16 Sɛnea mimfi wiase no, saa ara na wɔn nso mfi wiase. 17 Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokware no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛntew wɔn ho mma ɛnyɛ wɔn kronkron. 18 Sɛnea wosomaa me baa wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn akɔ wiase.