Pular para o conteúdo
Publicidade

Yohane 18

Wɔkyere Yesu

1 Yesu bɔɔ saa mpae yi wiei no, ɔne nʼasuafo no fii faako a wɔwɔ no kotwaa asu Kidron kɔɔ turo bi mu.

2 Esiane na Yesu ne nʼasuafo no taa no nti, na Yuda a oyii no mae no nim . 3 Asɔfo mpanyin ne Farisifo no somaa Yuda ne asraafo ne asɔredan mu awɛmfo a wokurakura akode ne akanea kɔɔ faako a wɔwɔ no.

4 Yesu a na onim nea ɛbɛba ne so nyinaa no kohyiaa wɔn bisaa wɔn se, "Hena na mohwehwɛ no?"

5 Wobuaa no se, "Yesu a ofi Nasaret no."

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Me ni!" Na Yuda a oyii no maa no gyina bi. 6 Yesu kae se, "Me ni" no, wopinpinii wɔn akyi na wɔhwehwee ase.

7 Ɔsan bisaa wɔn bio se, "Morehwehwɛ hena?"

Na wobuae se, "Yesu a ofi Nasaret no."

8 Yesu buaa wɔn se, "Maka akyerɛ mo dedaw se me ni. me na morehwehwɛ me de a, ɛno de, momma mʼasuafo no nkɔ." 9 Ɔkaa eyi nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a nsɛm a wɔaka se, "Agya, wɔn a wode wɔn maa me no mu baako koraa nyerae" no bɛba mu.

10 Saa bere no Petro a na okura afoa no twe de twaa ɔsɔfopanyin no asomfo no mu baako aso nifa. Saa akoa no din de Malko.

11 Yesu ka kyerɛɛ Petro se, "Fa wʼafoa no san hyɛ faako a wotwe fii. Ɛnsɛ menom kuruwa a mʼAgya de ama me no ano ana?"

Yesu Gyina Anas Anim

12 Asraafo no ne wɔn panyin ne asɔredan mu awɛmfo no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa, 13 de no dii kan kɔmaa Anas a na nʼase ne Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ Ɔsɔfopanyin no. 14 Kaiafa na otuu Yudafo no fo se, eye onipa baako bewu ama ɔman no.

Petro Pa Yesu

15 Simon Petro ne osuani baako dii Yesu akyi. Na osuani baako no obi a ɔsɔfopanyin no nim no yiye. Saa osuani no na onyaa kwan kɔɔ ɔsɔfopanyin no fi . 16 Petro de, ɔkaa ɔpon no akyi. Saa osuani a na onim ɔsɔfopanyin no yiye no san bae, ne abaawa a na ɔhwɛ ɔpon no ano no bɛkasa maa Petro nyaa kwan kɔɔ mu.

17 Abaawa a ogyina ɔpon ano no bisaa Petro se, "Wonyɛ saa onipa no asuafo no mu baako ana?"

Petro buae se, "Dabi."

18 Saa bere no na ɛyɛ awɔwbere, enti na asomfo no ne asraafo no asɔ gya a wɔreto. Petro nso kogyinaa too gya no bi.

Ɔsɔfopanyin No Bisa Yesu Nsɛm

19 Ɔsɔfopanyin no bisaa Yesu nsɛm faa nʼasuafo no ne ne nkyerɛkyerɛ ho.

20 Yesu buae se, "Mekaa me nsɛm nyinaa gua mu na mekyerɛkyerɛɛ asɔredan ne hyiadan mu a nnipa nyinaa hyia no. Menkaa asɛm biara kokoa mu. 21 Adɛn nti na wubisa saa asɛm yi? Bisa wɔn a wotiee me no. Wɔn na wonim asɛm a mekae."

22 Yesu kaa saa no, awɛmfo no mu baako bɔɔ no sotɔre kae se, "Wo sɛɛ ne hena a wutumi kasa ɔsɔfopanyin anim saa?"

23 Yesu buaa no se, "maka asɛmmɔne bi a, ka asɛm a mekae no na obiara a ɔwɔ ha nte bi. Na asɛm a mekaa no nso nokware de a, adɛn nti na wobɔ me?" 24 Afei, Anas ma wɔde Yesu a wɔakyekyere ne nsa no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa anim.

Petro Pa Yesu Bio

25 Bere a Petro da so gyina reto gya no bi no, wɔn a na wogyina no mu bi bisaa no se, "Wo nso wonyɛ ɔbarima no asuafo no mu baako ana?"

Petro san bio , "Dabi, menka wɔn ho."

26 Ɔsɔfopanyin no asomfo no mu baako a na ɔyɛ nea Petro twaa nʼaso no busuani no nso bisaa no se, "Ɛnyɛ wo na na wo ne no turo no mu no?" 27 Petro san san bio se, "Dabi." Nʼano sii ara na akokɔ bɔnee.

Wɔde Yesu Pilato Anim

28 Wɔde Yesu fii Kaiafa fi de no kɔɔ Pilato ahemfi. Saa bere no na ɛyɛ anɔpahema. Esiane na Yudafo no mpɛ fi ka wɔn na wɔatumi adi Twam Afahyɛ aduan no bi nti, wɔankɔ bi. 29 Pilato fii adi baa faako a na nnipa no no bebisaa wɔn se, "Bɔne bɛn na saa onipa yi ayɛ?"

30 Nnipa no buaa no se, "ɔnyɛɛ bɔne biara a anka yɛamfa no amma wʼanim ha."

31 Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, "Mo ara momfa no nkɔ na momfa mo mmara so nni nʼasɛm."

Yudafo no nso kae se, "Yenni tumi yekum obi." 32 Nea esii yi maa nsɛm a Yesu ka de kyerɛɛ owu ko a obewu no daa adi pefee.

33 Pilato san kɔɔ nʼahemfi kobisaa Yesu se, "Wone Yudafo hene no ana?"

34 Yesu nso bisaa no se, "Wo ara wʼadwene na wode rebisa me saa asɛm yi, anaasɛ nnipa bi na wɔaka me ho asɛm akyerɛ wo?"

35 Pilato buaa Yesu se, "Wususuw meyɛ Yudani ana? Wo ara wo nkurɔfo ne wɔn asɔfo mpanyin na wɔde wo brɛɛ me. Dɛn na woayɛ?"

36 Yesu buaa no se, "Mʼahenni nyɛ asase so ahenni; mʼahenni asase so ahenni a, anka mʼakyidifo bɛko agye me afi Yudafo mpanyimfo no nsam. Mereka bio se, mʼahenni nyɛ asase so ahenni."

37 Pilato see no , "Ɛno de, na woyɛ ɔhene ana?"

Yesu buaa no se, "Wo na wuse meyɛ ɔhene. Ade baako nti na wɔwoo me baa wiase ha, mimmedi nokware ho adanse. Obiara a ɔpɛ nokware no tie me."

38 Pilato bisaa no se, "Dɛn ne saa nokware no?" Afei Pilato fii adi kɔɔ Yudafo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, "Minni asɛm biara a megyina so abu no . 39 Nanso sɛnea mo Twam Afahyɛ amanne te no, afe biara moma migyaa odeduani baako ma mo. Mopɛ migyaa Yudafo hene no ma mo ana?"

40 Yudafo no teɛteɛɛ mu se, "Dabi! Ɛnyɛ saa onipa yi. Gyaa Baraba ma yɛn!" Na saa Baraba yi ɔmammɔfo.

Veja também