4 Pilato fii adi kɔka kyerɛɛ dɔm no bio se, "Mɛsan de no abrɛ mo ama moahu sɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ." 5 Bere a Yesu fii adi bae no, na ɔhyɛ ahenkyɛw a wɔde nsɔe anwen ne atade kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no se, "Onipa no ni!"
6 Bere a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no huu Yesu no, wɔteɛteɛɛ mu se, "Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!"
Pilato ka kyerɛ wɔn se, "Mo ankasa momfa no nkɔ nkɔbɔ no asennua mu, efisɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ."