Pular para o conteúdo
Publicidade

João 2

Yesu Ma Nsu Dan Nsa

1 Ne nnansa so na nnipa bi hyiaa ayeforo Kana a ɛwɔ Galilea asase so no. Na Yesu ne na , 2 na wɔato nsa afrɛ Yesu ne nʼasuafo no nso aba bi. 3 Wogu so regye wɔn ani no, ayeforo no ase nsa sa maa Yesu ne na kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, "Wɔn nsa a wɔrenom no asa."

4 Yesu ka kyerɛɛ ne na se, "Dɛn na wopɛ meyɛ? Me bere nnya nnui."

5 Ne na ka kyerɛɛ asomfo no se, "Biribiara a ɔbɛka se monyɛ no, monyɛ."

6 Na abo asuhina asia sisi ; eyinom mu na na Yudafo de nsu gu de hohoro wɔn ho amanne kwan so. Na ahina biara tumi fa nsu galɔn aduasa.

7 Yesu ka kyerɛɛ asomfo no se, "Momfa nsu nhyehyɛ ahina no amaama." Wɔde nsu hyɛɛ no amaama.

8 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Monsaw bi nkɔma onipa a ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no."

9 Nea ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no kaa nsu a adan nsa no hwɛe. Na onnim faako a nsa no fi, nanso na asomfo no de, wonim. Ɔfrɛɛ ayeforokunu no 10 ka kyerɛɛ no se, "Saa nsa yi nsa pa. Wonte afoforo a wɔaka no. Obiara a ɔto pon de nsa pa di kan ba nʼaponto ase, na akyiri no ɔde nsa a enni mu aba. Nanso wo de, wode nsa pa no atwa to!"

11 Saa nsɛnkyerɛnne a Yesu yɛɛ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnne a edi kan a ɔyɛɛ bagua mu de kyerɛɛ ne tumi fi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafo no nso gyee no dii , ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.

12 Ayeforohyia no akyi no, ɔne ne na ne ne nuanom ne nʼasuafo no dii nna kakra Kapernaum.

Yesu Asɔredan Mu

13 Esiane na Yudafo Twam Afahyɛ no rebedu nti, Yesu kɔɔ Yerusalem. 14 Oduu asɔredan no mu no, ohuu aguadifo bi nso tete wɔn apon akyi resesa sika. 15 Yesu faa ntampehama yɛɛ no mpire de pam sikasesafo no ne wɔn nguan ne wɔn anantwi no fii asɔredan mu , kaa wɔn apon gu maa wɔn sika a wɔresesa no nyinaa pansamee. 16 Afei ɔkɔɔ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no so ka kyerɛɛ wɔn se, "Monsesaw wɔn mfi ha nkɔ ntɛm! Munnyae mode mʼAgya fi ayɛ aguadibea no!" 17 Asuafo no kae se, wɔakyerɛw Kyerɛwsɛm no mu se, "Wo fi yiyedi ho dadwen ahyɛ me so."

18 Afei Yudafo mpanyin no bisaa Yesu se, "Tumi bɛn na wowɔ a enti wopam nnipa no? nsɛnkyerɛnne bi fa di adanse Onyankopɔn na ɔmaa wo saa tumi no."

19 Yesu buaa wɔn se, "Mate nea moaka no. Nsɛnkyerɛnne a mede bedi adanse ara ne , mummubu asɔredan yi ngu na mede nnansa besi bio."

20 Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisaa no se, "Asɔredan a wɔde mfe aduanan asia sii no, na wode nnansa betumi asi?" 21 Nanso Yesu de, na ɔde ɔno ankasa ne nipadua na ɛreyɛ asɔredan no mfatoho, 22 Yesu wusɔre no akyi ansa na asuafo no kaee asɛm a ɔkae no. Eyi ma wogyee Kyerɛwsɛm ne nsɛm a Yesu kae no dii.

23 Bere a Twam Afahyɛ no duu a na Yesu Yerusalem no, nsɛnkyerɛnne ahorow bebree maa nnipa gyee no dii. 24 Nanso Yesu amfa ne ho anto wɔn so, efisɛ na onim sɛnea nnipa suban te. 25 Na onhia onipa adanse a obedi afa onipa ho, efisɛ na onim nea ɛwɔ onipa mu.

Veja também