Pular para o conteúdo
Publicidade

João 21

Yesu Yi Ne Ho Adi Bio

1 Akyiri no Yesu yii ne ho adi bio Tiberia Po ho kyerɛɛ nʼasuafo no mu bi. Ɔkwan a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no ni: 2 Saa bere no na Simon Petro ne Toma (a wɔfrɛ no Ata), ne Natanael a ofi Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafo no mu baanu na na wɔwɔ faako. 3 Wɔwɔ no, Petro ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no se, "Merekoyi nam." Wɔn a na wɔka ne ho no ka kyerɛɛ no se, "Yɛne wo bɛkɔ." Wɔn nyinaa kɔtenaa ɔkorow mu, nanso saa anadwo no wɔanyi nam biara.

4 Ade kyee anɔpa a anim retetew no, Yesu begyinaa mpoano , nanso na asuafo no nnim ɛyɛ ɔno.

5 Ɔfrɛɛ asuafo no bisaa wɔn se, "Anuanom, moayi nam bi ana?"

Wobuae se, "Dabi."

6 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Mungu mo asau no nifa fam na mubeyi nam." Woguu asau no sɛnea ɔkae no. Nam yɛɛ asau no ma sɛɛ a na wɔtwe a ɛntwe.

7 Afei osuani a Yesu no no ka kyerɛɛ Petro se, "Ɛyɛ Awurade." Bere a Simon Petro tee ɛyɛ Awurade no ɔhyɛɛ nʼatade, (efisɛ na waworɔw) huruw tɔɔ asu no mu guare kɔɔ mpoano . 8 Asuafo a wɔaka no tenaa ɔkorow no mu baa mpoano bi. Wɔreba no na wɔretwe asau a na nam ahyɛ no ma sɛɛ . Ɔkwan a efi faako a wɔwɔ po no so ba mpoano no bɛyɛ mita ɔha. 9 Woduu mpoano no wohuu obi asɔ ogya retoto nam na brodo bi nso gu nkyɛn.

10 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Momfa nam a moayi no bi mmra." 11 Simon Petro foro kɔɔ ɔkorow no mu kɔtwee asau a na nam akɛse bɛyɛ ɔha aduonum abiɛsa mu no baa mpoano . Ɛwɔ mu na nam ayɛ asau no ma de, nanso antetew.

Veja também