Petro Kyerɛ Ne Dɔ
15 Wodidi wiei no, Yesu bisaa Simon Petro se, "Yohane ba Simon, wodɔ me sen sɛnea eyinom dɔ me no ana?"
Petro buae se, "Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo."
Yesu ka kyerɛɛ no se, "Yɛn me nguamma."
19 Asɛm a Yesu kaa no de kyerɛɛ owu ko a Petro bewu de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. Yesu ka kyerɛɛ Petro se, "Di mʼakyi."