Pular para o conteúdo
Publicidade

João 4

Yesu Sa Abofra Bi Yare

46 Ɔsan kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsu dan nsa no bio. Yesu no ɔhene somfo panyin bi a na ne ba yare Kapernaum no 47 tee ne nka ofi Yudea aba Galilea . Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kohuu Yesu, srɛɛ no se ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yare mma no.

48 Yesu kae se, "Menyɛ nsɛnkyerɛnne nkyerɛ mo ansa na moagye me adi ana?"

49 Ɔsomfo panyin no de ahoyeraw ka kyerɛɛ no se, "Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a me ba no bewu."

50 Yesu ka kyerɛɛ no se, "fie na wo ba no ho ayɛ no den!"

Ɔsomfo panyin no gyee asɛm a Yesu kae no dii na osii mu ɔrekɔ fie. 51 Ɔnam kwan so no, nʼasomfo bi behyiaa no ka kyerɛɛ no se ne ba no ho atɔ no. 52 Ɔbarima no bisaa nʼasomfo no se, "Bere bɛn na ne ho tɔɔ no?" Asomfo no buaa no se, "Nnɛra awia bɛyɛ dɔnkoro bere mu na atiridiinini a na abɔ no no gyaee."

53 Ɔbarima no tee asɛm no na ɔkaa se ɛyɛ saa bere koro no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no se, "fie na wo ba no ho atɔ no" no. Eyi maa ɔbarima no ne ne fifo nyinaa gyee Yesu dii.

54 Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fii Yudea baa Galilea no ɔyɛe.

Veja também