Pular para o conteúdo
Publicidade

João 5

Ɔtare Bi Ho Ayaresa

1 Eyi akyi no Yudafo afahyɛ bi nti Yesu san kɔɔ Yerusalem. 2 Na ɔtare bi kurow no mu a wɔfrɛ no Betseda a na ɛbɛn kurow no ano pon kɛse bi a wɔfrɛ no Nguan Pon no. Na wɔabɔ pata ahorow anum atwa ho ahyia. 3 Saa pata yi ase na na ayarefo pii , anifuraefo, mpakye ne mmubuafo retwɛn Awurade bɔfo fi ɔsoro bɛba abɛfono nsu no. 4 Nea ɛte ne , ɔbɔfo no fono nsu no wie a, ɔyarefo a obedi kan atɔ mu no nya ayaresa. 5 Na ɔbarima bi ayare ada ɔtare no ho mfe aduasa awotwe. 6 Yesu huu wayare ada akyɛ no, obisaa no se, "Wopɛ wo ho wo ana?"

7 Ɔyarefo no buaa no se, "Me wura, ɔbɔfo no bɛfono nsu no a, minnya obi a ɔbɛma me so ato mu. Bere biara a mɛbɔ me ho mmɔden merekɔ mu no, obi di me kan."

8 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Sɔre! Bobɔw wo kɛtɛ na fie." 9 Amono mu ara, ɔbarima no nyaa ahoɔden bobɔw ne kɛtɛ, fii ase nantewee.

Na saa da no homeda. 10 Yudafo mpanyin huu ɔbarima no ɔso ne kɛtɛ no, wɔn bo fuw yiye. Wobisaa no se, "Wunnim nnɛ homeda na etia mmara wobɛsoa wo kɛtɛ ana?"

11 Ɔbarima yi de ahopopo yii ne ho ano se, "Onipa a ɔsaa me yare no na ɔka kyerɛɛ me se mensoa me kɛtɛ na menkɔ."

12 Wɔtee saa no wobisaa no se, "Hena ne saa onipa no?"

13 Nanso na nea wɔsaa no yare no nnim Yesu. Afei nso na Yesu afa nnipa no mu .

14 Akyiri no, Yesu hyiaa ɔbarima no asɔredan mu tuu no fo se, "Afei a wo ho atɔ wo yi, hwɛ yiye na woankɔyɛ bɔne bio amma biribi a ɛsen kan yare no amma wo so." 15 Ɔbarima yi fii kɔka kyerɛɛ Yudafo mpanyin no se ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yare no.

Tumi A Ɔba No

16 Yudafo mpanyin yi fii ase tan Yesu ani, efisɛ wabu wɔn homeda mmara no so. 17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Mʼagya adwuma bere biara enti ɛsɛ me nso meyɛ adwuma bere biara." 18 Saa asɛm a Yesu kaa yi maa Yudafo mpanyin no bo fuwii, na wɔyɛɛ wɔn adwene se wobekum no, efisɛ na ɛnyɛ homeda mmara no nko na obu so na na ɔsan frɛ ne ho se Onyankopɔn Ba de kyerɛ , ɔne Onyankopɔn .

19 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Ɔba no ntumi mfi ne mu nyɛ biribi, na mmom ɔyɛ nea ohu nʼAgya no bi. 20 Efisɛ Agya no Ɔba no na biribiara a Agya no no ɔma Ɔba no hu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛse a ɛsen saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiriw mo. 21 Na sɛnea Agya no nyan awufo no, saa ara nso na Ɔba no nyan awufo a ɔpɛ onyan wɔn no. 22 Afei koraa mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmu tumi no ahyɛ Ɔba no nsa 23 sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bedi Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Obiara a onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no nso ni.

24 "Mereka nokware akyerɛ mo se: Obiara a otie me nsɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no nkwa a enni awiei. Wɔremmu no atɛn, efisɛ wafi owu mu aba nkwa mu. 25 Mereka nokware bio , bere bi reba, na mpo saa bere no anya aba a awufo bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no benya nkwa. 26 Sɛnea Agya no nkwamafo no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafo. 27 Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, efisɛ ɔno ne Onipa Ba no.

28 "Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ bere bi reba a awufo a wɔwɔ wɔn nna mu mpo bɛte me nne, 29 na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no benyan atena nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn . 30 Merentumi mfi mʼankasa me tumi mu nyɛ biribiara; asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ me no so na migyina bu atɛn. Ɛno nti atɛn a mibu no nokware.

Yesu Ho Adansedi Ahorow

31 "me ara midi me ho adanse a, mʼadansedi no nni mu. 32 Na obi a odi me ho adanse a minim nʼadanse a odi fa me ho no nokware.

33 "Moasoma nnipa akɔ Yohane nkyɛn na wadi adanse a ɛyɛ nokware. 34 Nnipa adansedi ho nhia me ansa na moahu onipa ko a meyɛ. Na mmom meka Yohane adanse a odii no kyerɛ mo nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn begye mo nkwa. 35 Yohane nsɛm a ɔkae kanea a wɔasɔ na ɛhyerɛn, na ɛmaa mo ani gyei.

36 "Me nnwuma a mʼAgya de ama me menyɛ no di me ho adanse sen Yohane. 37 Ɛwɔ mu munhuu Agya no anim da, na montee ne nne nso da, nanso wadi me ho adanse. 38 Na nʼasɛm no nso mommfa nsie mo tirim, efisɛ munnnye me a ɔsomaa me no nni. 39 Musua Kyerɛwsɛm no, efisɛ mugye di ɛno na ɛbɛma moanya nkwa a enni awiei. Nanso saa Kyerɛwsɛm koro no ara di me ho adanse! 40 Eyi nyinaa akyi no, mommpɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa!

41 "Menhwehwɛ nnipa anim anuonyam. 42 Minim nnipa ko a moyɛ. Minim munni Onyankopɔn ho . 43 Mebaa mʼAgya din mu nanso moannye me. Nanso obi ba ɔno ara ne din mu na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ a, ɛno de, mugye no. 44 Mopɛ nnipa kamfo mo mmom sen Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi?

45 "Ɛnyɛ me na mɛka asɛm bi atia mo Agya no anim, na mmom ɛyɛ Mose a mode mo ani too ne mmara so se ɛno na monam so bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu no. 46 mugyee Mose dii a anka me nso mubegye me adi, efisɛ nsɛm a ɔkyerɛw no di me ho adanse. 47 Na esiane moannye nsɛm a ɔkyerɛw no anni no nti, ɛnyɛ nwonwa munnye me nni."

Veja também