44 Mommma ɛnyɛ mo nwonwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a obetumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a edi akyiri no, menyan no. 45 Adiyifo no akyerɛw se, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno nti, obiara a otie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn. 46 Asɛm a maka yi nkyerɛ sɛ obi ahu Agya no pɛn, gye onipa a ofi Agya no nkyɛn no. 47 Mereka nokwasɛm akyerɛ mo se, nea ogye di no nya nkwa a enni awiei.