Pular para o conteúdo
Publicidade

João 6

6 Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛe, efisɛ na onim nea ɔbɛyɛ.

7 Filipo buae se, "Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ yenya asram awotwe akatua."

8 Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kae se, 9 "Abarimaa bi ha a ɔwɔ brodo anum ne kyenam abien; na eyi betumi aso nnipa dodow yi di?"

10 Yesu hyɛɛ nʼasuafo no se, "Momma obiara ntena ase." Asuafo no ma wɔtenatenaa sare no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodow bɛyɛ mpem anum. 11 Yesu faa brodo no bɔɔ mpae na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa kwan koro no ara so kyɛɛ kyenam no nso maa wɔn.

12 Wodidi mee akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Mommoaboa aduan a aka no ano na bi ansɛe." 13 Wɔboaboaa aduan a ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.

Veja também