4 Wɔka kyerɛɛ Yesu se, "Kyerɛkyerɛfo, yɛkyeree ɔbea yi sɛ ɔrebɔ aguaman, 5 nanso Mose mmara hyɛ yɛn sɛ, ɔbea biara a wɔbɛkyere no wɔ saa ɔkwan no so no, ɛsɛ sɛ wosiw no abo. Dɛn na woka wɔ ho?" 6 Wobisaa no eyi de sum no afiri sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asɛm bi agyina so atoto nʼano.
Nanso Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa kyerɛkyerɛw fam. 7 Wogu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn se, "Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no nni kan ntow ɔbo mmɔ no." 8 Ɔsan bɔɔ ne mu ase kyerɛkyerɛw fam.
9 Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, wofii ase fii hɔ mmaako mmaako fii mpanyin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbea no nko ara. 10 Yesu maa ne mu so no, obisaa ɔbea no se, "Nnipa a wɔde wo bae no wɔ he? Wɔn mu baako mpo nni ha a ɔbɛka asɛm bi atia wo?"
11 Ɔbea no buaa Yesu se, "Dabi, Owura."
Yesu ka kyerɛɛ no se, "Sɛ saa na ɛte de a, ɛno de me nso minni asɛm biara a mɛka de atia wo. Kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio."