Pular para o conteúdo
Publicidade

Yohane 9

Yesu Sa Onifuraefo Bi Yare

1 Yesu nam no, ohuu aberante bi a wɔwoo no onifuraefo, 2 Nʼasuafo no bisaa no se, "Kyerɛkyerɛfo, hena na ɔyɛɛ bɔne, saa onifuraefo yi awofo anaa ɔno ankasa, nti na ɛma wɔwoo no onifuraefo yi?"

3 Yesu buae se, "Ɛnyɛ nʼawofo anaa nʼankasa bɔne nti na nʼani afura. Na mmom nʼani afura sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma. 4 Esiane adesae nkyɛ ba no nti ɛsɛ yɛyɛ nea ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. ade sa a obiara ntumi nyɛ adwuma. 5 Bere a mewɔ wiase yi de, mene wiase hann no."

6 Ɔkaa saa no ɔtee ntasu guu fam de fɔtɔw dɔte na ɔde dɔte no sraa onifuraefo no ani so. 7 Na ɔka kyerɛɛ no se, "ɔtare Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim."9.7 Siloa nkyerɛase ne "Somaa". Onifuraefo yi kɔhohoroo nʼanim san bae a, afei de ohu ade.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também