Publicidade

Marcos 11

Yesu Yerusalem Ɔhene

1 Yesu ne nʼasuafo no rebɛn Yerusalem, na woduu Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔw no ho no, ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu dii wɔn anim kan. 2 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Monkɔ akuraa a ɛwɔ no ase. mudu a, mubehu wɔasa afurum ba bi a wɔntenaa ne so da hama. Monsan no na momfa no mmrɛ me. 3 Na obi bisa mo se dɛn na moreyɛ a, monka no tiaa se, Ne ho hia Awurade, na ɔbɛsan de no aba mprempren ara.’ "

4 Asuafo baanu no sii mu. Wokohuu aboa no sa ofi bi abobow ano. Enti wɔsan no. 5 Wogu so resan no no, nnipa bi a wogyina nkyɛn bisaa wɔn se, "Adɛn nti na moresan afurum ba no?" 6 Wɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no ma wɔtee wɔn ase. 7 Wɔde afurum ba no brɛɛ Yesu maa asuafo no de wɔn ntama guu aboa no so, maa Yesu tenaa no so. 8 Nnipakuw a wɔwɔ no bi de wɔn ntama sesɛw ɔkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnua mman de sesɛw ɔkwan no mu saa ara. 9 Na Yesu di nnipakuw no mfimfini a wɔn nyinaa reteɛteɛ mu se,

"Hosiana!"11.9 Nkamfo

"Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba!"

10 "Anuonyam nka Onyankopɔn yɛn agya Dawid ahenni reba."

"Hosiana sorosoro!"

11 Yesu koduu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ dinn ansa na ɔrefi , efisɛ, na onwini redwo enti ɔne asuafo dumien no kɔɔ Betania.

Yesu Dome Borɔdɔma Dua

12 Ade kyee anɔpa a wɔrefi Betania no, ɔkɔm dee no. 13 Wɔkɔɔ kakra no, ohuu borɔdɔma dua bi si a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ kɔhwɛɛ aduaba no bi so ana. Nanso oduu no ohuu nhaban nko ara na ɛwɔ so. Saa bere no nso na ɛnyɛ bere a ɛsɛ borɔdɔma no sow. 14 Yesu domee borɔdɔma dua no se, "Efi nnɛ, worensow aba bio!" Asuafo no tee asɛm a ɔkae no.

Yesu Hyiadan Mu

15 Yesu san baa Yerusalem no, ɔkɔɔ hyiadan mu . Oduu no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma mu no nyinaa, 16 siw kwan obiara mmedi gua bio. 17 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Kyerɛwsɛm no ka se, Mʼasɔrefi beae a wɔbɔ mpae,nanso mo de, mode ayɛ akorɔmfo atenae."

18 Asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo tee nea Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔw, pɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ayi no afi . Asɛm a na ɛhaw wɔn ne , wɔanhwɛ no yiye nso a, ɛde basabasayɛ bɛba, efisɛ na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no ato mu.

19 Sɛnea na wɔtaa no, anwummere no ara, wofii kurow no mu.

Borɔdɔma Dua A Ewui No

20 Anɔpa a asuafo no retwa mu borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wuhuu awu. 21 Petro kaee asɛm a Yesu ka de domee dua no no, ɔteɛɛ mu se, "Hwɛ, Kyerɛkyerɛfo! Borɔdɔma dua a wodomee no no awu!"

22 Yesu nso ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "mowɔ gyidi Onyankopɔn mu a, 23 anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, Tutu kogu po mu,na ebetutu akogu mu nso. Munnye nni; mommma mo gyidi nhinhim. 24 Muntie nea mereka yi. Biribiara a mubebisa mpaebɔ mu no, munnye nni mo nsa aka, na ɛbɛyɛ ama mo. 25 Na morebɔ mpae a, nea edi kan no, mowɔ obi ho asɛm a momfa nkyɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso de mo bɔne bɛkyɛ mo. 26 Na moamfa bɔne ankyɛ a, saa ara na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso remfa mo bɔne nkyɛ mo."

Yesu Tumi Ho Nsɛmmisa

27 Wɔbaa Yerusalem bio. Wɔkɔɔ hyiadan mu no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne nkyɛn bebisaa no se, 28 "Tumi bɛn na wugyinaa so pam aguadifo no?"

29 Yesu nso buaa wɔn se, "Merebebisa mo asɛm baako bi na mummua me! 30 Onyankopɔn na ɔsomaa Osuboni Yohane, anaa ɛnyɛ ɔno? Mummua me!"

31 Wodwinnwen ho kae se, "yɛka se, Onyankopɔn na ɔsomaa no a, wobebisa yɛn nea enti a yɛannye nea Yohane kae no anni. 32 Na yɛka se ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a, dɔm no bɛhaw yɛn. Efisɛ wɔn nyinaa nim Yohane odiyifo."

33 Enti wɔn mmuae a wɔmae ara ne , "Yɛrentumi mmua. Yennim."

Ɛhɔ ara na Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, "munnim de a, me nso meremma mo asɛmmisa no ho mmuae!"

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-