Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 12

Bobeturo Mu Akuafo Bi

1 Yesu nam mmebu so kasa kyerɛɛ nnipa no se: "Okuafo bi yɛɛ bobeturo, gyee ban faa ho, na otuu amoa a wokyi bobe mu nsu mu, sii ɔwɛn aban mu. Afei ɔde afuw no gyaw akuafo bi tuu kwan. 2 Eduu bere a bobe no bere a ɛsɛ wɔtew no, ɔsomaa ne ho nipa bi se onkogye ne kyɛfa mmrɛ no. 3 Nanso akuafo no boroo no, ma ɔde ne nsa pan san kɔe. 4 Okuafo no san somaa onipa foforo kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔboroo no, pirapiraa no sen nea odi kan no. 5 Onipa a ɔsomaa no bio no de, wokum no. Afoforo a akyiri no wɔkɔe no nso, wɔhwee ebinom, na wokum ebinom nso.

6 "Nanso na aka ɔbaako a ɔyɛ ne ba a ɔdɔ no. Ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn, susuw wɔbɛfɛre no de nidi ama no.

7 "Nanso bere a akuafo no huu no ɔreba no, wɔkae se, Ɔdedifo no na ɔreba no. Momma yenkum no, na agyapade no ayɛ yɛn de! 8 Wɔkyeree no kum no, twee no fii bobe turo mu kɔtow no kyenee baabi.

9 "Mugye di , afuw wura no ba a dɛn na ɔbɛyɛ akuafo no? Ɔbɛba abekum wɔn, na ɔde afuw no ama nnipa foforo. 10 Monnkenkan eyi Kyerɛwsɛm no mu pɛn se:

" Ɔbo a adansifo apo no,

ɛno ara na abɛyɛ dan no twea so tibo;

11 Awurade na wayɛ eyi,

na ɛyɛ nwonwa yɛn ani so?’ "

12 Na esiane saa a obui no nti, Yudafo mpanyin no pɛɛ wɔkyere no, efisɛ wuhuu wɔn ho asɛm na ɔreka no a ɛkyerɛ , wɔne saa akuafo atirimɔdenfo no. Nanso na wosuro dɔm no. Eyi ma wogyaa no, na wofii kɔe.

Towtua Ho Asɛmmisa

13 Wɔsomaa Farisifo ne Herodefo bi baa Yesu nkyɛn wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no. 14 Wobisaa no se, "Kyerɛkyerɛfo, yenim woyɛ ɔnokwafo a wotaa ka nokware. Nea onipa ka no ntumi nnan wʼadwene. Afei wokyerɛkyerɛ nnipa Onyankopɔn akwan. Yɛpɛ yebisa wo se, eye woyi tow ma Roma Hempɔn Kaesare12.14 Na ɛyɛ asɛde sɛ ɔmanfo tua tow ma Romahene. Na towgye nsɔ ani koraa nti Yudafo no bi ampɛ sɛ wobetua, efisɛ na wogye di sɛ tow no tua no na ɛnyɛ Roma den ma wodi ɔman no so. anaa enye?"

15 Yesu huu wɔn adwemmɔne no kae se, "Adɛn nti na mosɔ me hwɛ, momfa sika a wɔde yi tow no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuae." 16 Wɔde maa no ma obisaa wɔn se, "Hena mfoni ne nkyerɛw na ɛwɔ so?"

Wobuae se, "Kaesare de."

17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Ɛno de momfa Kaesare de mma no, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn!"

Ne mmuae no maa wɔn ho dwiriw wɔn.

Owusɔre Mu Aware Ho Asɛmmisa

18 Sadukifo a wɔka se owusɔre nni no baa ne nkyɛn bebisaa no se, 19 "Kyerɛkyerɛfo, Mose yɛɛ mmara maa yɛn se, ɔbarima bi anwo na owu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabea na ɔne no nwo mma mma owufo no. 20 Anuanom baason bi tenaa ase. Nea odi kan no waree yere a, ɔne no anwo na owui. 21 Nea ɔto so abien no nso waree okunafo no, na ɔno nso ankyɛ na owui a ɔne no anwo. Na nea ɔto so abiɛsa no nso waree no a, ɔne no anwo na owui. 22 Eyi kɔɔ so kosii anuanom yi nyinaa waree ɔbea no, na ɔbea no nso wui. 23 Nea yɛpɛ yehu ne , owusɔre mu, wonya sɔre a, wɔn mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere?"

24 Yesu buaa wɔn se, "Mo mfomso a moyɛ no fi nim a munnim Kyerɛwsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ. 25 anuanom baason yi ne ɔbea no sɔre fi awufo mu a, wɔrenware; wɔbɛyɛ abɔfo a wɔwɔ ɔsoro no. 26 Afei nea ɛfa awufo nyan no ho nso, monkenkan Mose nhoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne nwura a na ɛhyew no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose , Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn. 27 Na Onyankopɔn reka akyerɛ Mose se, ɛwɔ mu saa nnipa yi awuwu mfe pii a atwam no de, nanso wɔte ase. Ɛnte saa a anka ɔrenka se ɔyɛ ateasefo Nyankopɔn, na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn. Moayɛ mfomso kɛse."

28 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu baako a ogyina retie no huu , wabua wɔn sɛnea ɛfata no, obisaa no se, "Mose mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he na ɛkyɛn ne nyinaa?"

29 Yesu buaa no se, "Nea ɛkyɛn ne nyinaa ne nea ɛka se, Israel, tie! Awurade, yɛn Nyankopɔn Awurade koro; 30 na Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma ne wo kra ne wʼadwene ne wʼahoɔden nyinaa mu,no. 31 Na nea ɛto so abien no ne: wo yɔnko wo ho.Mmaransɛm bi nni a ɛkyɛn eyinom."

32 Kyerɛwsɛm no kyerɛkyerɛfo no buaa no se, "Owura, woaka nokware , Onyankopɔn baako na ɔwɔ , na obi foforo nka ne ho, 33 na minim nso , mɛdɔ no afi me koma ne mʼadwene ne mʼahoɔden nyinaa mu, na mɛdɔ me yɔnko me ho no, sen afɔre biara a wɔbɔ."

34 Yesu huu wabua asɛm no nyansa mu no, ɔka kyerɛɛ no se, "Wo ne Onyankopɔn ahenni ntam kwan nware." Na saa asɛm yi akyi no, obi antumi ammisa no asɛm biara bio.

Onipa Ba No Ho Asɛmmisa

35 Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ asɔredan mu no, obisaa nnipa no se, "Adɛn na Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ka se, ɛsɛ Agyenkwa no Ɔhene Dawid ba? 36 Efisɛ Dawid ankasa nam Honhom Kronkron mu kae se,

" Awurade ka kyerɛɛ me wura se:

"Tena me nifa so

kosi mede wʼatamfo

bɛyɛ wo nan ntiaso." 

37 Dawid frɛ no Awuradea, ɛyɛɛ dɛn na Kristo no ne ba?"

Ɔkwan a ɔfaa so kasaa no maa nnipa no de anigye tiee no.

Mmara Akyerɛkyerɛfo No Kɔkɔbɔ

38 Bere bi a nnipakuw bi de anigye retie Yesu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Monhwɛ mo ho yiye Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ho! Wɔhyɛ ntade akɛse asikafo na wɔnam bagua mu a, wɔpɛ obiara a ohyia wɔn no de obu kyia wɔn. 39 wɔkɔ hyiadan mu a wɔtenatena mpanyin agua so, na wɔkɔ adidi ase a, wɔtena mpanyin tenabea. 40 Wɔbɔ mpae atenten ma nnipa hu wɔresom Onyankopɔn, nanso wosisi akunafo. Eyi nti wobenya asotwe a emu duru."

Ɔbea Kunafo Bi Afɔrebɔ

41 Da bi a Yesu kɔɔ asɔredan mu no, ɔkɔtenaa afɔrebɔ adaka a esi no anim hwɛɛ sɛnea nkurɔfo no de sika regu adaka no mu. Asikafo no de sika a ɛdɔɔso guu mu. 42 Ɔbea kunafo hiani bi nso bae, na ɔde sika nketewa abien beguu mu.

43 Ɔfrɛɛ nʼasuafo no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, "Saa ɔbea kunafo hiani yi afɔre a ɔbɔe no dɔɔso sen asikafo no nyinaa afɔrebɔde. 44 Na wɔn nyinaa fi nea wɔanya ama abu wɔn so no mu na woyiyii bi de bae, na ɔbea yi de, ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa na abegu mu no."

Veja também