Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 2

Yesu De Obubuafo Bi Bɔne Kyɛ No Sa No Yare

1 Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Oduu no nnipa pii tee waba . 2 Ankyɛ na nnipa bebree bɛhyɛɛ ofi a na ɔwɔ mu no mu ma . Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. 3 Mmarima baanan bi de obubuafo bi a wɔso no baa . 4 Esiane na wontumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no nti, wɔforoo ɔdan a Yesu mu no, kotuu tokuru atifi. Wɔde obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim. 5 Yesu huu wɔn gyidi a wɔwɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, "Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!"

6 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ no tee nea Yesu kae no, wɔdwenee wɔn tirim 7 se, "Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Osusuw ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na otumi de bɔne kyɛ."

8 Mpofirim na Yesu huu wɔn adwene ma obisaa wɔn se, "Adɛn na moma asɛm a mekae yi haw mo? 9 Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw: wɔbɛka akyerɛ obubuafo yi se, Wɔde wo bɔne akyɛ wo,anaa wɔbɛka se, Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew? 10 Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu Onipa Ba no tumi asase so ɔde bɔne kyɛ," Enti ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, 11 "Mise wo , sɔre gyina , fa wo kɛtɛ, na fie." 12 Obubuafo yi sɔre bobɔw ne kɛtɛ, na ɔde anigye ne ahosɛpɛw faa nnipadɔm no mu kɔe. Nnipa no ho dwiriw wɔn ma wɔkamfoo Onyankopɔn se, "Yenhuu eyi bi da!"

Yesu Frɛ Lewi Na Ɔne Nnebɔneyɛfo Didi

13 Yesu san kɔɔ mpoano bio, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuw a wɔahyia no. 14 Bere a ɔnam mpoano no, ohuu Alfeo ba Lewi ɔte atowgyei. Ɔka kyerɛɛ no se, "Di mʼakyi." Na Lewi sɔre dii nʼakyi.

15 Saa anadwofa no, Lewi too pon, too nsa frɛɛ ne mfɛfo towgyefo ne nnebɔneyɛfo bi wɔmmra na ɔne wɔn ne Yesu ne nʼasuafo no nto nsa nnidi. Nnipa a wodii Yesu akyi no bi te Lewi ara . 16 Farisifo no huu ɔne nnebɔneyɛfo ne towgyefo ato nsa redidi no, wobisaa nʼasuafo no se, "Adɛn nti na ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo to nsa didi?"

17 Yesu tee nea wɔkae no, obuaa wɔn se, "Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɔyaresafo ho nhia wɔn, na wɔn a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn. Mamma merebɛka akyerɛ atreneefo wɔnsakra wɔn adwene na mmom, nnebɔneyɛfo."

Wobisa Yesu Asɛm Fa Mmuadadi Ho

18 Da bi a Osuboni Yohane akyidifo ne Farisifo no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no se, "Adɛn nti na Yohane ne Farisifo no akyidifo di mmuada na wʼakyidifo de, wonni mmuada?"

19 Yesu nso bisaa wɔn se, "Moahu ayeforokunu nnamfo a wɔbɛba ayeforo ase a wɔbɛka se, wɔredi mmuada nti wɔrennidi ana? Mmere dodow a wɔne ayeforokunu no nam no de, wɔrenni mmuada da. 20 Na da bi bɛba a, wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn. Saa bere no na wobedi mmuada.

21 "Ɛte wode ntama foforo atare ntama dedaw mu. Dɛn na ɛba? Ntaremu no bɛtew ntama dedaw no mu, na ayi afi mu, na ama tokuru a ɛda no aso asen kan de no. 22 Munim wɔmfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu. Anyɛ saa a, ɛbɛpae. Nsa no behwie agu, na nkotoku a nsa no mu no nso bɛpaapae. Ɛsɛ wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu."

Yesu Homeda Wura

23 Homeda bi a Yesu ne nʼasuafo nam aburowfuw bi mu no, asuafo no pempan aburow no bi wee. 24 Farisifo no bi ka kyerɛɛ Yesu se, "Hwɛ, adɛn na wɔreyɛ nea etia mmara Homeda?"

25 Yesu nso bisaa wɔn se, "Monnkenkan nea Ɔhene Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no, 26 ne sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi Ɔsɔfopanyin Abiatar bere so, na ɔne wɔn a wɔka ne ho kodii brodo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn no, a obiara nni ho kwan odi, gye asɔfo nko ara no ? Na ɛno nso tia mmara.

27 "Onipa nti na wɔyɛɛ Homeda, na ɛnyɛ Homeda nti na wɔbɔɔ onipa. 28 Enti Onipa Ba no Homeda so wura mpo!"

Veja também