Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 2

3 Mmarima baanan bi de obubuafo bi a wɔso no baa . 4 Esiane na wontumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no nti, wɔforoo ɔdan a Yesu mu no, kotuu tokuru atifi. Wɔde obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim. 5 Yesu huu wɔn gyidi a wɔwɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, "Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!"

6 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ no tee nea Yesu kae no, wɔdwenee wɔn tirim 7 se, "Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Osusuw ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na otumi de bɔne kyɛ."

8 Mpofirim na Yesu huu wɔn adwene ma obisaa wɔn se, "Adɛn na moma asɛm a mekae yi haw mo? 9 Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw: wɔbɛka akyerɛ obubuafo yi se, Wɔde wo bɔne akyɛ wo,anaa wɔbɛka se, Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew? 10 Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu Onipa Ba no tumi asase so ɔde bɔne kyɛ," Enti ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, 11 "Mise wo , sɔre gyina , fa wo kɛtɛ, na fie." 12 Obubuafo yi sɔre bobɔw ne kɛtɛ, na ɔde anigye ne ahosɛpɛw faa nnipadɔm no mu kɔe. Nnipa no ho dwiriw wɔn ma wɔkamfoo Onyankopɔn se, "Yenhuu eyi bi da!"

Veja também