Pular para o conteúdo
Publicidade

Marko 3

Yesu Ka Nyaatwomfo Anim

22 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wofi Yerusalem bae no kae se, "Beelsebul a ɔyɛ ahonhommɔne panyin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na otu ahonhommɔne no."

23 Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abebu mu se, "Ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan? 24 Ahenni biara a ɛne ne ho di asi no begu. 25 Saa ara na ofi biara a ɛne ne ho di asi no nnyina ara ne no. 26 Na Satan twa ne ho ne ne ho di asi a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi nkonim? Obedi nkogu. 27 Obiara ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi nkɔfa ne nneɛma kwa, agye , onii no di kan kyekyere ɔhoɔdenfo no, ansa na watumi afa ne nneɛma. 28 Mereka akyerɛ mo se, bɔne a onipa ayɛ biara no, wotumi de kyɛ no, na mpo obi ka abususɛm tia me a, wotumi de kyɛ no; 29 nanso nea ɔka abususɛm tia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da. Ɛyɛ bɔne a ɛrempepa da."

30 Ɔkaa saa asɛm yi efisɛ na wɔka se, "Ɔwɔ honhommɔne."

Veja também