Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 4

Yesu Brɛ Ahum Ase

35 Eduu anwummere no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ." 36 Ɔkaa saa no, wogyaw nnipadɔm no na ɔne wɔn kɔe a akorow afoforo di wɔn akyi. 37 Prɛko , ahum kɛse bi tu maa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so ma ɛyɛɛ ɛremem. 38 Saa bere no, na Yesu ɔkorow no to de ne ti ato sumii so ada. Asuafo no de ahopopo ne nteɛteɛ mu konyan no kae se, "Kyerɛkyerɛfo, yɛreyɛ amem yi ɛmfa wo ho?"

39 Ɔsɔre teɛteɛɛ mframa no ka kyerɛɛ po no se, "komm!" Mframa no gyaee, na po no yɛɛ komm!

40 Yesu bisaa wɔn se, "Adɛn na moyɛ ahufo sɛɛ? Moda so nni gyidi ara?"

41 Na wɔn ho dwiriw wɔn yiye, bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, "Onipa bɛn ni a mframa ne po mpo tie no yi?"

Veja também