Ɔbea Bi Ayaresa Ne Abeawa Bi Nyan
21 Yesu de ɔkorow no twa baa po no fa baabi no, nnipakuw betwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ. 22 Asafopanyin a na wɔfrɛ no Yairo baa hɔ na ohuu Yesu no obuu nkotodwe, 23 srɛɛ no se ɔnsa ne babea yare mma no. Ofi ahoyeraw mu ka kyerɛɛ Yesu se, "Abofra no rewu, enti mesrɛ wo sɛ, fa wo nsa bɛka no na onya nkwa." 24 Yesu ne no kɔe a nnipakuw no di wɔn akyi.
25 Na ɔbea bi a watu mogya mfe dumien ka nnipakuw no ho. 26 Ɔde ne yare no akyin ayaresafo bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara. 27 Na wate anwonwade a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno nti ɔde ne ho fraa nnipakuw no, de ne nsa besoo Yesu atade mu no. 28 Ɔdwenee ho kae se, "Sɛ mitumi nya ne ho kwan, de me nsa so nʼatade mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me." 29 Ampa ara, so a osoo nʼatade no mu pɛ na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no.
30 Amono mu hɔ ara, Yesu tee nka sɛ tumi bi afi ne mu. Ɔdan ne ho kyerɛɛ nnipakuw no bisae se, "Hena na osoo mʼatade mu no?"
31 Nʼasuafo no buae se, "Saa nnipakuw a obiara de ne ho twitwiw ne yɔnko yi na worebisa se, ‘Hena na ɔde ne nsa aka mʼatade?’ "
32 Nanso ɔpɛɛ sɛ ohu onipa ko a osoo nʼatade mu no. 33 Bere a ɔbea no huu asɛm a asi no, ɔde ahopopo bebuu Yesu nkotodwe kaa nea ɔyɛe no kyerɛɛ no. 34 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoe kɔ; wo yare no agyae."
Yairo Babea No Nyan
35 Ogu so rekasa akyerɛ ɔbea no, abɔfo fi Yairo fi bɛkae se, "Wo babea no awu; adɛn na woda so haw kyerɛkyerɛfo no?"
36 Yesu antie nea na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo se, "Nsuro, gye di ara."
37 Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo fi hɔ, gye Petro, Yakobo ne Yohane. 38 Bere a Yesu duu hɔ no, ohuu sɛ hɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwo. 39 Ɔkɔɔ ofi no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasae. Obisaa wɔn se, "Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abofra no nwui; nna na wada!" 40 Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔserew no.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ fie hɔ no se, wɔn nyinaa mfi adi. Ɔne abofra no agya ne ne na ne nʼasuafo baasa no kɔɔ nea abofra no da hɔ. 41 Osoo abofra no nsa kae sɛ, "Talita, Kuum!" a ase ne sɛ "Abaawa, mise wo sɛ sɔre!" 42 Amono mu hɔ ara, abeawa no sɔree, na ofii ase nantewee (na wadi mfe dumien). Asɛm a esii yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye. 43 Yesu bɔɔ wɔn ano ketee sɛ wɔnnka asɛm a asi no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abofra no aduan nni.