Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 5

Yesu Sa Ɔbarima Bi A Ɔwɔ Ahonhommɔne Yare

1 Yesu ne nʼasuafo no twaa ɔtare no koduu Gerasefo asase so. 2 Ɔresi afi ɔkorow no mu no, ɔbarima bi a ahonhommɔne ne mu de mmirika fi amusiei behyiaa no. 3 Na saa ɔbarima yi te abonna mu a obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere no bio. 4 Ɔyɛ obi a na ne ho den yiye nti, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa mpo a, otumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim. 5 Anadwo ne awia nyinaa na ɔnenam amusiei mmepɔw no mu a, ɔde abo a ano nam twitwa ne ho.

6 Ɔbarima yi huu Yesu akyirikyiri no, otuu mmirika, bebuu no nkotodwe. 7 Ɔteɛteɛɛ mu se, "Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn no Ba, dɛn na wowɔ ne me ? Onyankopɔn din mu, nyɛ me ayayade biara!" 8 Yesu teɛɛ honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no se, "Honhommɔne, fi ne mu !"

9 Yesu bisaa no se, "Wɔfrɛ wo dɛn?"

Obuaa Yesu se, "Me din de Dɔmefisɛ yɛdɔɔso." 10 Afei ɔsrɛɛ Yesu anibere so ɔmmpam wɔn nnkɔ akyirikyiri.

11 Saa bere no na mprakokuw bi redidi bepɔw no nkyɛn baabi a ɛbɛn po no. 12 Enti ahonhommɔne no srɛɛ Yesu se, "Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu." 13 Yesu maa wɔn ho kwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprakokuw bɛyɛ mpenu no de ahoɔhare sian bepɔw no koguu po no mu ma ɛfaa wɔn.

14 Mprakohwɛfo no guan baa nkurow a ɛbɛn no mu bɛkaa nea wɔahu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔtee no kɔhwɛɛ nea asi no. 15 Nnipakuw no duu faako a Yesu no wohuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no ɔte dinn a nʼadwene mu atew no. Eyi maa wɔn ho dwiriw wɔn. 16 Wɔn a wohuu asɛm a asi no ka kyerɛɛ afoforo. 17 Afei nnipakuw no fii ase srɛɛ Yesu se, omfi wɔn man mu nkɔ!

18 Yesu reforo ɔkorow akɔtena mu no, ɔbarima a na honhommɔne ne mu no srɛɛ Yesu ɔpɛ ɔne no . 19 Nanso Yesu kae se, "Dabi, na na kɔka anwonwade a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔbɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafo." 20 Enti ɔbarima no fi kɔɔ Dekapoli, "Nkurow Du" no a ɛwɔ saa ɔmantam no mu no mu kɔkaa anwonwade a Yesu ayɛ ama no no kyerɛɛ obiara. Wɔtee asɛm no wɔn ho dwiriw wɔn.

Ɔbea Bi Ayaresa Ne Abeawa Bi Nyan

21 Yesu de ɔkorow no twa baa po no fa baabi no, nnipakuw betwaa ne ho hyiaa mpoano . 22 Asafopanyin a na wɔfrɛ no Yairo baa na ohuu Yesu no obuu nkotodwe, 23 srɛɛ no se ɔnsa ne babea yare mma no. Ofi ahoyeraw mu ka kyerɛɛ Yesu se, "Abofra no rewu, enti mesrɛ wo , fa wo nsa bɛka no na onya nkwa." 24 Yesu ne no kɔe a nnipakuw no di wɔn akyi.

25 Na ɔbea bi a watu mogya mfe dumien ka nnipakuw no ho. 26 Ɔde ne yare no akyin ayaresafo bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara. 27 Na wate anwonwade a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno nti ɔde ne ho fraa nnipakuw no, de ne nsa besoo Yesu atade mu no. 28 Ɔdwenee ho kae se, "mitumi nya ne ho kwan, de me nsa so nʼatade mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me." 29 Ampa ara, so a osoo nʼatade no mu na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no.

30 Amono mu ara, Yesu tee nka tumi bi afi ne mu. Ɔdan ne ho kyerɛɛ nnipakuw no bisae se, "Hena na osoo mʼatade mu no?"

31 Nʼasuafo no buae se, "Saa nnipakuw a obiara de ne ho twitwiw ne yɔnko yi na worebisa se, Hena na ɔde ne nsa aka mʼatade?’ "

32 Nanso ɔpɛɛ ohu onipa ko a osoo nʼatade mu no. 33 Bere a ɔbea no huu asɛm a asi no, ɔde ahopopo bebuu Yesu nkotodwe kaa nea ɔyɛe no kyerɛɛ no. 34 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoe ; wo yare no agyae."

Yairo Babea No Nyan

35 Ogu so rekasa akyerɛ ɔbea no, abɔfo fi Yairo fi bɛkae se, "Wo babea no awu; adɛn na woda so haw kyerɛkyerɛfo no?"

36 Yesu antie nea na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo se, "Nsuro, gye di ara."

37 Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo fi , gye Petro, Yakobo ne Yohane. 38 Bere a Yesu duu no, ohuu nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwo. 39 Ɔkɔɔ ofi no mu ne wɔn a wɔwɔ no kɔkasae. Obisaa wɔn se, "Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abofra no nwui; nna na wada!" 40 Wɔn a wɔwɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔserew no.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ fie no se, wɔn nyinaa mfi adi. Ɔne abofra no agya ne ne na ne nʼasuafo baasa no kɔɔ nea abofra no da . 41 Osoo abofra no nsa kae , "Talita, Kuum!" a ase ne "Abaawa, mise wo sɔre!" 42 Amono mu ara, abeawa no sɔree, na ofii ase nantewee (na wadi mfe dumien). Asɛm a esii yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye. 43 Yesu bɔɔ wɔn ano ketee wɔnnka asɛm a asi no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abofra no aduan nni.

Veja também