Yairo Babea No Nyan
35 Ogu so rekasa akyerɛ ɔbea no, abɔfo fi Yairo fi bɛkae se, "Wo babea no awu; adɛn na woda so haw kyerɛkyerɛfo no?"
36 Yesu antie nea na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo se, "Nsuro, gye di ara."
37 Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo fi hɔ, gye Petro, Yakobo ne Yohane. 38 Bere a Yesu duu hɔ no, ohuu sɛ hɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwo. 39 Ɔkɔɔ ofi no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasae. Obisaa wɔn se, "Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abofra no nwui; nna na wada!" 40 Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔserew no.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ fie hɔ no se, wɔn nyinaa mfi adi. Ɔne abofra no agya ne ne na ne nʼasuafo baasa no kɔɔ nea abofra no da hɔ. 41 Osoo abofra no nsa kae sɛ, "Talita, Kuum!" a ase ne sɛ "Abaawa, mise wo sɛ sɔre!" 42 Amono mu hɔ ara, abeawa no sɔree, na ofii ase nantewee (na wadi mfe dumien). Asɛm a esii yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye. 43 Yesu bɔɔ wɔn ano ketee sɛ wɔnnka asɛm a asi no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abofra no aduan nni.