21 Nea Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo pon wɔ nʼahemfi maa ne mpanyimfo, nʼasafohene ne Galilea mpanyimfo. 22,23 Herodia babea bɛsaw kyerɛɛ wɔn ma ɛyɛɛ wɔn nyinaa fɛ. Herode de ntam ka kyerɛɛ ababaa no se, "Bisa me biribiara a wopɛ; sɛ mʼaheman mu fa mpo na wopɛ koraa a, mede bɛma wo!"