Pular para o conteúdo
Publicidade

Marko 6

Yesu Ma Nnipa Mpem Anum Aduan

30 Asomafo no san baa Yesu nkyɛn bɛkaa nea wɔyɛɛ ne nea wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no. 31 Yesu tiee wɔn amanneɛ no wiee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Momma yɛntwe yɛn ho mfi nnipakuw yi ho na yɛnkɔhome kakra." Nea ɛma ɔkaa saa ne , na nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no to ntwa da. Wonnya kwan mpo na wɔadidi.

32 Yesu ne nʼasuafo no tenaa ɔkorow mu kɔɔ baabi a obiara nni . 33 Nanso bere a wɔrekɔ no, nnipa pii huu wɔn ma wotuu mmirika faa mpoano kotwaa wɔn ho. 34 Eyi nti bere a Yesu sii fam no, na nnipakuw ahyia . Ohuu wɔn no ne yam hyehyee no maa wɔn efisɛ na wɔte nguan a wonni ɔhwɛfo. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ wohu.

35 Onwini reyɛ adwo no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, "Ade resa. Aduan biara nso nni ha. 36 Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduan bi nni."

37 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Momma wɔn aduan nni."

Wobisaa no se, "Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ yenya asram asia akatua. Yɛnsɛe sika a ɛte saa mfa mma wɔn brodo nni ana?"

38 Yesu bisaa wɔn se, "Brodo ahe na mowɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ."

Wɔsan ba bɛka kyerɛɛ no se, "Wɔwɔ brodo anum ne mpataa abien."

39 Afei Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuwakuw sare no so. 40 Wɔtenatenaa ase akuwakuw a bi ɔha na bi aduonum. 41 Yesu faa brodo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro, bɔɔ mpae, hyiraa so. Obubuu brodo no mu de maa asuafo no wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. 42 Nnipa no dii aduan no maa obiara mee! 43 Nnipa a wodii aduan no bɛyɛ mmarima mpem anum; 44 na wɔtasee ase nkae no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.

Veja também