Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 7

11 Nanso moka se, eye obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne na a ade bi hia no no se, Merentumi mmoa mo! Efisɛ mede nea anka a ɛsɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn. 12 Enti mubu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛe no so, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi abɔ mo amanne ho ban. 13 Eyi nhwɛso baako . Nanso bebree ka ho."

14 Afei Yesu frɛɛ nnipakuw no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn se, "Mo nyinaa muntie asɛm a mereka yi yiye, na monte ase. 15 Ade biara a ɛkɔ onipa mu no ngu ne ho fi. Na mmom nea ebefi onipa mu aba no na egu ne ho fi.

Veja também