Pular para o conteúdo
Publicidade

Marko 7:20-23

WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

20 Ɔtoaa so se, "Nea efi onipa mu ba no na egu ne ho fi. 21 Afei nea efi nnipa koma mu ba no, ɛde aguamammɔ, korɔn, awudi, 22 ayefasɛm, amumɔyɛ, asisi, ahohwi, anibere, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. 23 Saa nnebɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na ɛno na egu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim."

Em outras traduções

  1. WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

    20 Ɔtoaa so sɛ, "Deɛ ɛfiri onipa mu ba no na ɛgu ne ho fi. 21 Afei, deɛ ɛfiri nnipa akoma mu ba no, ɛde adwamammɔ, korɔno, awudie, 22 adifudepɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibereɛ, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. 23 Saa nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛnonom na ɛgu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim."

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.