Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 7

Honhom Fam Ahotew

1 Da bi, Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo bi a wofi Yerusalem baa Yesu nkyɛn. 2 Woduu no, wohuu nʼasuafo no bi redidi a wɔanhohoro wɔn nsa ho. 3 Na Yudafo no, ne titiriw no Farisifo nnidi da, gye wɔahohoro wɔn nsa ho nyinaa, sɛnea wɔn amanne kyerɛ, ansa na wɔadidi. 4 Na wofi gua so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Eyi mmara bebree a wofi tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne , wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne kɔberesɛn mu.

5 Enti Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no bisaa Yesu se, "Adɛn nti na wʼasuafo no nni yɛn amanne a efi tete no so? Efisɛ wodidi a, wonni kan nhohoro wɔn nsa sɛnea amanne kyerɛ no."

6 Yesu buaa wɔn se, "Mo nyaatwomfo! Asɛm a Yesaia ka faa mo ho ,

" Saa nnipa yi de wɔn ano na edi me ni,

nanso wɔn koma mmɛn me ho baabiara.

7 Wɔsom me kwa;

na wɔn nkyerɛkyerɛ nnipa nsa ano mmara

nokware turodoo!

8 Mugyaw Onyankopɔn mmara a wahyehyɛ no de mo ankasa mo amanne si anan mu.

9 "Moahyɛ da mobɛpo Onyankopɔn mmara no, na moatiatia so, ama mo amanne no atim. 10 Ɛho nhwɛso bi ne , Mose de Onyankopɔn mmara a ɛka se, Di wʼagya ne wo na nino maa mo. Ɔkae se, obiara a ɔbɛkasa atia nʼagya anaa ne na no, ɛsɛ wokum no. 11 Nanso moka se, eye obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne na a ade bi hia no no se, Merentumi mmoa mo! Efisɛ mede nea anka a ɛsɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn. 12 Enti mubu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛe no so, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi abɔ mo amanne ho ban. 13 Eyi nhwɛso baako . Nanso bebree ka ho."

14 Afei Yesu frɛɛ nnipakuw no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn se, "Mo nyinaa muntie asɛm a mereka yi yiye, na monte ase. 15 Ade biara a ɛkɔ onipa mu no ngu ne ho fi. Na mmom nea ebefi onipa mu aba no na egu ne ho fi. 16 Nea ɔwɔ aso a obetie no ntie."

17 Afei Yesu fii nnipakuw no mu kɔɔ fie no, nʼasuafo no bisaa no asɛm a ɔkae no ase. 18 Obisaa wɔn se, "Mo nso monte asɛm a mekae no ase? Munhu , nea mudi no ngu mo ho fi ana? 19 Efisɛ nea mudi biara no ne mo koma nni hwee , na mmom ɛfa ɔyafunu no mu kɛkɛ."

20 Ɔtoaa so se, "Nea efi onipa mu ba no na egu ne ho fi. 21 Afei nea efi nnipa koma mu ba no, ɛde aguamammɔ, korɔn, awudi, 22 ayefasɛm, amumɔyɛ, asisi, ahohwi, anibere, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. 23 Saa nnebɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na ɛno na egu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim."

Ɔbea Bi Gyidi

24 Yesu fi no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ ɔrekɔhyɛ komm a obiara nte ne nka, nanso anyɛ ye. Da a oduu ara , na nkurɔfo tee ne nka waba . 25 Ɛhɔ ara na ɔbea bi a honhommɔne hyɛ ne babea ketewa bi mu baa ne nkyɛn. Na wate Yesu nka nti, obebuu no nkotodwe. 26 Ɔbea no srɛɛ no ontu saa honhommɔne no mfi ne ba no mu mma no. Na saa ɔbea yi Helani a wɔwoo no Siro-Foinike.

27 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Ɛsɛ mma no mee ansa. Na enye wɔde mma aduan ma akraman."

28 Ɔbea no nso buae no se, "Owura, ɛyɛ nokware de, nanso ɛyɛ a wɔde aduan a aka mmofra no prɛte mu no bi ma akraman a wɔhyehyɛ ɔpon no ase no."

29 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Wo mmuae pa no nti masa wo babea no yare. fie. Honhommɔne no afi ne mu ."

30 Oduu fie no, ohuu ne babea no da mpa so dinn a honhommɔne no afi ne mu ampa ara.

Mumu Ɔsotifo Bi Ayaresa

31 Yesu fi Tiro no, ɔfaa Sidon mansin a emu nkurow du no so beduu Galilea Po so. 32 Wɔde ɔsotifo bi a ɔsan mum brɛɛ no. Wɔn a wɔwɔ no nyinaa srɛɛ Yesu , ɔmfa ne nsa nka ɔyarefo no, na ɔnsa no yare.

33 Yesu soo ne mu de no fii nnipakuw no mu. Afei ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasu de kaa ne tɛkrɛma. 34 Ɔhwɛɛ ɔsoro, guu ahome teɛɛ mu se, "Hefata!" Ase ne, "bue!" 35 Amono mu ara, ɔbarima no aso buei, ne tɛkrɛma sanee, na ofii ase kasae.

36 Yesu bɔɔ nnipakuw no ano se, wɔmmmɔ asɛm no dawuru nkyerɛ obiara. Nanso mpɛn dodow a ɔbraa wɔn no, na trɛw ara na wɔn nso wɔretrɛw asɛm no mu. 37 Saa asɛm yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye. Enti wɔkae se, "Yesu ayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo mpo te asɛm, na mum nso kasa!"

Veja também