Onifuraefo Bi Ayaresa Wɔ Betsaida
22 Bere a woduu Betsaida no, nnipa bi de onifuraefo bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yare. 23 Yesu soo onifuraefo yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasu guu onifuraefo no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no se, "Wuhu ade ana?"
24 Onifuraefo no maa nʼani so hwɛɛ soro, buae se, "Yiw, mihu nnipa! Nanso mihu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ."
25 Afei Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifuraefo no buee nʼani, na bere a ɔrehwɛ ade haa no, nʼani no yɛɛ yiye a afei de na ohu biribiara kann. 26 Yesu ma ɔkɔɔ fie, na ɔka kyerɛɛ no se, "Nnsan nnkɔ akuraa no ase bio."