Pular para o conteúdo
Publicidade

Marko 9:17,22-24

WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

17 Nnipa no mu baako kae se, "Kyerɛkyerɛfo, mede me ba aba ha sɛ sa no yare. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so nti, ontumi nkasa.

22 na ɛtɔ da bi koraa a, ɔyare no tumi twa no hwe ogya anaa nsu mu pɛ sɛ ekum no. Enti sɛ wubetumi asa no yare de a, hu yɛn mmɔbɔ, na sa no yare ma yɛn."

23 Yesu bisaa no se, "Adɛn nti na woka se sɛ metumi a? Nneɛma nyinaa betumi ayɛ hɔ ama obiara a ogye di."

24 Abarimaa no agya buae se, "Mewɔ gyidi nanso esua, enti boa me, na hyɛ me gyidi mu den!"

Em outras traduções

  1. WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

    17 Nnipa no mu baako kaa sɛ, "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mede me ba aba ha sɛ sa no yadeɛ. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so enti, ɔntumi nkasa.

    22 na ɛtɔ ɛda bi koraa a, yadeɛ no tumi twa no hwe ogya anaa nsuo mu, pɛ sɛ ɛkum no. Enti, sɛ wobɛtumi asa no yadeɛ deɛ a, hunu yɛn mmɔbɔ, na sa no yadeɛ ma yɛn."

    23 Yesu bisaa no sɛ, "Adɛn enti na woka sɛ, sɛ mɛtumi a? Nneɛma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ ama obiara a ɔgye die."

    24 Abarimaa no agya buaa sɛ, "Mewɔ gyidie nanso ɛsua, enti boa me, na hyɛ me gyidie mu den!"

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.