Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 9

Yesu Anuonyam Hyerɛn

1 Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Mo a mugyina ha yi mu bi bɛtena ase akosi mubehu , Onyankopɔn ahenni no reba tumi mu!"

2 Nnansia akyi na Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Saa bere no na obiara nka wɔn ho. Ɛhɔ ara na Yesu anuonyam hyerɛn wɔn anim. 3 Nʼatade hyerɛn yɛɛ fitafita sen sɛnea obi betumi ahoro saa atade no ama ayɛ. 4 Afei Elia ne Mose befii . Na wɔne Yesu kasae!

5 Petro ka kyerɛɛ Yesu se, "Kyerɛkyerɛfo, eye yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese abiɛsa ha, wo de baako, Mose de baako na Elia de baako." 6 Esiane na wɔabɔ hu no nti na ɛma ɔkaa saa.

7 Na omununkum bɛkataa wɔn so. Nne bi fi omununkum no mu kae se, "Oyi ne me Dɔba. Muntie no."

8 Mpofirim a wɔhwɛɛ wɔn ho no, wɔanhu obiara ka Yesu ho.

9 Wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se wɔnnka nea wɔahu no nkyerɛ obiara kosi ɔbɛsɔre afi awufo mu. 10 Asuafo no anka ankyerɛ obiara na mmom, ɛyɛ a na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho se, nʼasɛm a ɔkae se, "Menyan afi awufo mu" no, na ɔkyerɛ dɛn?

11 Na nʼasuafo no bisaa no nea enti a mmara no akyerɛkyerɛfo no ka se, ɛsɛ Elia san ba kan.

12 Yesu gye too mu , ɛsɛ Elia di kan ba bɛtoto nneɛma nyinaa yiye. Ɔkae se, "Ɛno de, na adɛn nti na wɔakyerɛw se Onipa Ba no behu amane bebree na wɔapo no? 13 Nanso mise mo , Elia aba dedaw! Na wɔne no anni no yiye sɛnea adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm no."

Yesu Sa Abarimaa Bi A Ɔwɔ Honhommɔne Yare

14 Bere a wosian beduu bepɔw no ase no, wohuu nnipakuw atwa asuafo a wɔaka no ho ahyia, na wɔne mmara no akyerɛkyerɛfo no regye wɔn ho wɔn ho akyinnye. 15 Bere a nnipakuw no huu Yesu no wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔde mmirika behyiaa no.

16 Yesu bisaa wɔn se, "Akyinnye a na moregye no fa dɛn ho?"

17 Nnipa no mu baako kae se, "Kyerɛkyerɛfo, mede me ba aba ha sa no yare. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so nti, ontumi nkasa. 18 honhommɔne no ka ne ho ne mu a, etwa no hwe fam ma nʼano twa ahuru, twɛre ne se a wasinsen. Ɛno nti mesrɛɛ wʼasuafo no se wontu honhommɔne no mfi ne mu, nanso wɔantumi."

19 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "O, mo a mo gyidi sua, me ne mo ntena nkosi da bɛn ansa na mo gyidi atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me."

20 Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Wɔde no duu Yesu anim ara na ɔyare no baa denneennen, twaa no hwee fam, ma ɔperee a nʼano refi ahuru.

21 Yesu bisaa abarimaa no agya se, "Nnaahe ni a ɔyare yi baa ne so?"

Abarimaa no agya buaa Yesu se, "Efi ne mmofraase pɛɛ; 22 na ɛtɔ da bi koraa a, ɔyare no tumi twa no hwe ogya anaa nsu mu ekum no. Enti wubetumi asa no yare de a, hu yɛn mmɔbɔ, na sa no yare ma yɛn."

23 Yesu bisaa no se, "Adɛn nti na woka se metumi a? Nneɛma nyinaa betumi ayɛ ama obiara a ogye di."

24 Abarimaa no agya buae se, "Mewɔ gyidi nanso esua, enti boa me, na hyɛ me gyidi mu den!"

25 Yesu huu nnipa no ara na wɔredɔɔso no, ɔteɛɛ honhommɔne no se, "Honhommɔne ɔsotifo ne mumu, mehyɛ wo , fi abofra yi mu . Nkɔhyɛ ne mu bio!"

26 Afei ɔyare no baa denneennen ansa na ɛrefi ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ owufo. Nnipakuw no kasaa huhuhuhu se, "Wawu." 27 Na Yesu soo ne nsa pagyaw no ma ogyinaa ne nan so a ne ho atɔ no.

28 Eyi akyi a Yesu ne nʼasuafo no nko ara fie no, wobisaa no se, "Adɛn nti na yɛn de yɛantumi antu saa honhommɔne no?"

29 Yesu buaa wɔn se, "Mpaebɔ nko ara na ebetumi atu saa ɔyare yi."

Yesu Wu Ho Nkɔmhyɛ

30 Yesu fii no ɔfaa Galilea, efisɛ na ɔmpɛ nnipa te ne nka. 31 Na ɔpɛ onya bere ma nʼasuafo no de kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Wobeyi Onipa Ba no ama, na wɔakum no, na ne nnansa so no ɔbɛsɔre aba nkwa mu bio." 32 Asuafo no ante asɛm a ɔkae yi ase, nanso na wosuro wobebisa no ase.

Hena Ne Ɔkɛse

33 Yesu ne nʼasuafo no baa Kapernaum. Bere a woduu ofi a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafo no se, "Yɛreba no dɛn akyinnye na na moregye ɔkwan so no?" 34 Asuafo no antumi ammua efisɛ na wɔredwinnwen nea ɔbɛyɛ wɔn mu ɔkɛse no ho.

35 Ɔtenaa ase frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, "Obiara a ɔpɛ ɔyɛ ɔpanyin mo mu no ɛsɛ ɔyɛ abofra anaa ɔsomfo mo mu!"

36 Afei ɔde abofra ketewa bi begyinaa wɔn mfimfini. Ɔde abofra no kyerɛɛ wɔn kae se, 37 "Mo mu biara a me nti obegye abofra ketewa oyi no agye me, na nea obegye me no nso agye mʼAgya a ɔsomaa me no."

Nea Ontia Yɛn No Yɛn Afa

38 Yohane a ɔyɛ asuafo no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu se, "Kyerɛkyerɛfo, yehuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne nti yɛka kyerɛɛ no se onnyae, efisɛ ɔnka yɛn ho."

39 Yesu kae se, "Munnsiw no kwan. Efisɛ obiara nni a ɔreyɛ anwonwade me din mu na obetwa ne ho atia me. 40 Na obiara a ontia yɛn no yɛn afa. 41 Obiara a esiane , moyɛ Kristo de no nti ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom no akatua remmɔ no da.

42 "Enti obi to mmofra nketewa a wogye me di yi mu bi hintidua a, eye ma no anka wɔde ɔbotan duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, atow no akyene po mu. 43 wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo wode dɛmdi bɛkɔ nkwa mu sen , wɔde wo nipadua nyinaa bɛto amanehunu gya 44 a ennum da no mu. 45 Na wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo wode nansin bɛkɔ nkwa mu sen , wode nan abien bɛkɔ amanehunu gya 46 a ennum da no mu." 47 Na wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na tow kyene. Eye ma wo wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu sen wowɔ ani abien na wɔde wo bɛto amanehunu gya mu 48 baabi a

" ogya no ennum da

na ɛhɔ asunson nso nwu da.

49 Na wɔde ogya bɛhyɛ wɔn nyinaa nkyene.

50 "Nkyene , nanso nkyene yera ne a, ɛso nni mfaso bio; wonte ne biribiara mu. Enti monnyera mo . Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu."

Veja também