Yesu Kristo Mpanyimfo
1 Yesu Kristo a ofi Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanyimfo din na edidi so yi:
17 Awo ntoatoaso a efi Abraham so de besi Ɔhene Dawid so yɛ dunan. Efi Ɔhene Dawid so de besi bere a wɔfaa ɔman no nnommum kɔɔ Babilon no nso awo ntoatoaso yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na efi bere a wotu fii Babilon san baa wɔn man mu bio no de besi Kristo awo so nso yɛ awo ntoatoaso dunan.